Yesaia 31 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn bɛbɔ Yerusalem ho ban

1 Yes 30.1-2 Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,

na wɔn ani da apɔnkɔ so,

na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso,

ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti,

na wɔn ani nna Israel kronkronni no so,

na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.

2 Amos 3.6; Num 23.19 Nanso ɔyɛ onyansafo, na ɔde bɔne ba;

ne nsɛm nso, ɔrensan,

na ɔbɛsɔre ahyɛ abɔnefo fi

ne wɔn a wɔboa amumɔyɛfo no.

3Na Misraim yɛ onipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn,

na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na wɔnyɛ honhom.

Na AWURADE teɛ ne nsa a,

na ɔboafo awatiri, na nea wɔaboa no no ahwe ase,

na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.

4Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me ni:

Sɛnea gyata bobom na gyataforo su ne hanam so,

na wɔfrɛ mmoahwɛfo pii ara ba no so mpo a,

wɔn nne mma ɔmmɔ piriw,

na wɔn hooyɛ mma ɔmmrɛ ne ho ase no,

saa ara na asafo AWURADE beduru

sɛ ɔrebedi ako wɔ Sion bepɔw ne ne koko so.

5 Deut 32.11; Mat 23.37 Sɛnea nnomaa a wotu yɛ no,

saa ara na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban,

ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa,

obetwa ho na wakyɛe so.

6Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn.

7Yes 2.20 Ɛda no wɔn nyinaa bɛtotow wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuw a mo nsa ayɛ ma mode ayɛ bɔne no agu.

8 Yes 37.36 Na Asaria bɛtɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano,

na afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe no;

na ɔbɛbɔ ne ho aguaa, afoa anim,

na wɔde ne mmerante ayi tow.

9 Deut 32.31 Na ne botan de ehu bɛsen akɔ,

na n’asafohene de ahopopo afi frankaa no ho,

AWURADE a ne gya wɔ Sion,

na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ose.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help