1AWURADE, woadom w’asase,
wode Yakob agyapade asan aba,
2
3Woatwe w’anibere nyinaa,
woadan afi w’abufuw hyewhyew no mu.
4Yɛn nkwagye Nyankopɔn, san fa yɛn bra,
na twa wo bo a ehuru yɛn no to wo yam.
5 Nnw 77.7 So wo werɛ bɛhow ahyɛ yɛn akosi daa a?
Wobɛtwe w’abufuw mu akɔ awo ntoatoaso a edidi so mu?
6So worensan mma yɛn nkwa,
na wo man ani nnye wo ho?
7AWURADE, ma yenhu w’adɔe,
na fa wo nkwagye ma yɛn.
8 Nnw 72.3 Metie nea Onyankopɔn AWURADE bɛka.
Ampa, ɔka asomdwoesɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefo;
na mma wɔnnsan nnkɔ nkwaseade mu.
9Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no,
na anuonyam atena yɛn asase so.
10Ɔdom ne nokware behyia,
na trenee ne asomdwoe adi mfewano.
11Nokware befifi asase so,
na trenee afi soro ahwɛ.
12Nso AWURADE bɛma papa,
na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.
13Trenee bedi n’anim,
na asi n’anammɔn kwan so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
