1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2 biako so bo nnwetɛbona aduonum.
17Sɛ ofi ahosɛpɛw afahyɛ afe so yɛ n'asase no kronkron a, ennyina wo bo no so;
18na sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n'asase no kronkron a, ɛnne ɔsɔfo no mmu n'akontaa mma no sɛ mfe a aka na ahosɛpɛw afahyɛ afe no adu no te no, na wɔntew wo bo no so.
19Na sɛ nea ɔyɛɛ asase no kronkron no pɛ sɛ ogye a, ɔmfa wo bo no dwetɛ abupɛn anum mu biako nto so, na ɛntena ne nsam;
20na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wonnnye bio,
21na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfo no agyapade.
22Na sɛ ɛyɛ asase a ɔtɔe na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no kronkron ma AWURADE na ɛnyɛ awunnyade a,
23ɔsɔfo no mmu akontaa mma no nkyerɛ no bo no mu nea ɛbɛka akosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, na ɔmma wo bo a wobɔe no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.
24Lew 25.10 Ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, asase no nsan nkɔyɛ nea ɔtɔe ne nkyɛn a ɛyɛ n'asase a odi so no dea.
25Na wo bo a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te; gera aduonu yɛ dwetɛbona biako.
26 Eks 13.2 Na afieboa mu mmakan a wɔwo ma AWURADE no nko de, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwi oo, oguan oo, ɛyɛ AWURADE dea.
27Na sɛ ɛyɛ fieboa a wɔn ho ntew no bi a, ɛnne onnye no wo bo a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn anum mu biako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnne wɔntɔn no sɛnea wobɛbɔ ne bo.
28 Deut 18.14; 21.2 Nso ahyirade biara a obi behyira so ama AWURADE, ade a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n'asase a odi so oo, ɛno de wɔnntɔn, na wonnnye nso; ahyirade biara yɛ akronkronne mu adekronkron ma Awurade.
291 Sa 15.3, 9 Obiara a wabu no kumfo no, wonnnye no; okum na wonkum no.
30 Deut 18.21 Na asase no so aduan ntotoso du du a efi asase so aduan ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.
31Na sɛ obi pɛ sɛ ogye ne ntotoso du du no bi a, ɔmfa abupɛn anum mu biako nto so.
32Na anantwi ne nguan mu ntotoso du du nyinaa, nea ɛfa oguanhwɛfo poma ase nyinaa mu nea ɛto so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.
33Wɔmmpaw papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnne ɛno ne nea wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wonnnye.
34 Lew 26.46 Eyinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ma ɔde kɔmaa Israelfo no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.