Eksodɔs NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)

NHYƐNMUDin Eksodɔs no asekyerɛ ne: Otukɔ na ɛkyerɛ Israelfo abakɔsɛm mu ade titiriw bi a esii, ɛne otu a Israelfo tu fii Misriam, beae a wokɔyɛɛ nkoa no. Nhoma no wɔ nkyekyɛmu ahorow abiɛsa:1. Israelfo ahofadi fi nkoasom mu, ne wɔn akwantu kosi bepɔw Sinai ho.2. Onyankopɔn ne wɔn apam wɔ Sinai a emu na wonyaa, mmara nsɛm a ɛboa abrabɔ pa, ɔman mu tena ne wɔn Nyamesom.3. Nea ɛboro ne nyinaa so ne sɛ, nhoma no kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn ayɛ, sɛnea osi yii ne nkurɔfo fii nkoasom mu, na ɔde wɔn yɛɛ ɔman a wɔwɔ daakye. Onipa titiriw a odi nhoma yi mu akoten ne Mose. Ɔyɛ onipa a Onyankopɔn faa no so yii Israelfo fii Misraim. Nhoma no fa titiriw a wonim no yiye papaapa ne Mmaransɛm du no. (20.1-17)EMU NSƐMIsraelfo nya ahofadi fi Misraim 1.1—15.21

Wɔn Nkoasom wɔ Misraim 1.1-22

Mose awo ne n'abrabɔ mfiase 2.1—4.31

Mose ne Aaron ne Misraimhene de si anim 5.1—11.10

Twam afahyɛ ne ofi a wofii Misraim 12.1—15.21

Efi mmɛw po no ho kosi Sinai Bepɔw ho 15.22—18.27

Mmara no ne Apam no 19.1—24.18

Apam ntamadan no, ne ɔsom ho akwankyerɛ 25.1—40.38

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help