Daniel 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Awufo sɔre no

1 Dan 10.13; Mat 24.21; Eks 32.32; Flp 4.3 Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.

2Yoh 5.29 Na wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.

3Mat 13.43; 1 Ko 15.41-42 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.

Wɔsɔ adiyisɛm no ano

4 Dan 12.9; Adi 10.4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.

5Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, mmarima foforo baanu gyina hɔ, obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha, na obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha.

6Dan 10.5 Na obiako ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no atifi no sɛ: Da bɛn na anwonwade no awiei bɛkɔ akodu?

7Adi 10.5-6; Dan 7.25 Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.

8Na metee, na manhu ase, na mise: Me wura, nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?

9Na ose: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano rekosi awiei bere no.

10Wɔbɛpɔw nnipa bebree ho ahoa wɔn ho atew wɔn ho, na abɔnefo bedi nsɛmmɔne, na abɔnefo nyinaa renhu ase, na mmadwemma na ebehu ase.

11Dan 11.31; Mat 24.15 Na efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfoyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.

12Nhyira ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem ahasa aduasa anum no so.

13Enti kɔ kodu awiei, na woakɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help