1 2 Ah 24.17 Na ɔhene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bedii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babel hene Nebukadnesar sii no Yuda asase so hene no ananmu.
2Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfo antie AWURADE asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.
3 Yer 42.2; Yes 37.4 Na ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania baa odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ɛ!
4Nso na Yeremia di ɔman no mu ahyemfiri, na wɔmfaa no ntoo nneduafo dan mu ɛ.
5Na Farao dɔm afi Misraim reba, na Kaldeafo a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wotu fii Yerusalem ho kɔe.
6Ɛnna AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ:
7Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ monka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo nkyɛn bebisaa me hɔ ade no ni: Hwɛ, Farao dɔm a wɔafi rebɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Misraim wɔn asase so;
8na Kaldeafo no bɛsan aba ne kurow yi abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahyew.
9Sɛ AWURADE se ni: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafo afi yɛn so kɔ, efisɛ wɔrenkɔ.
10Na sɛ mukum Kaldeafo a wɔne mo ko no dɔm nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafo mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntamadan mu mmiako mmiako de ogya abɛhyew kurow yi.
Wobu Yeremia ɔfatwafo11Na Kaldeafo dɔm tu fii Yerusalem ho Farao dɔm anim kɔe no,
12Yer 32.9 Yeremia fii adi fii Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asase so akogye ne kyɛfa nkurɔfo no mu.
13Na oduu Benyamin ponkɛse mu no, na awɛmfo so panyin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na osoo odiyifo Yeremia mu kae sɛ: Kaldeafo no nkyɛn na woawae rekɔ.
14Na Yeremia se: Ɛyɛ atoro! Menyɛ nea wawae rekɔ Kaldeafo nkyɛn. Na Yiria antie no, na osoo Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.
15Yer 20.2 Na mmapɔmma no bo huru hyɛɛ Yeremia, na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo mpokyerɛfo dan mu, ɔkyerɛwfo Yonatan fi, efisɛ ɛno na wɔde ayɛ nneduafo dan.
Ɔhene asɛmmisa16Ɛnna Yeremia kɔɔ amoa dan no mu ne ntokuru no mu; na Yeremia tenaa hɔ nna pii.
17Yer 34.21 Na ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam ne fi sɛ: So AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ose: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa.
18Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔhene Sedekia sɛ: Dɛn bɔne na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafo dan mu yi?
19Na ɛhe fa na mo adiyifo a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo so ne asase yi so, no wɔ?
20Na afei tie ɛ, me wura ɔhene, ma me nkotɔsrɛ nhwe w’anim, na mma wɔmmfa me nnsan nnkɔ ɔkyerɛwfo Yonatan fi, na mankowu hɔ.
21Yer 32.2 Ɛnna ɔhene Sedekia hyɛe ma wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfo abangua mu, na da koro wɔma no abodoo sebɔw fi abodootofo borɔn mu kosii sɛ abodoo nyinaa sae kurow no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu ara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.