Lewitikɔs 23 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Awurade afahyɛ ahorow

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE afahyɛ ahorow a mompae sɛ ɛnyɛ nhyia kronkron, m'afahyɛ nna no ni:

3Eks 20.8-11 Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda, wonhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.

4 Eks 23.14-19 Eyinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmere mu no:

5Eks 12 ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere yɛ AWURADE twam;

6na ɔsram no ara da a ɛto so dunum yɛ AWURADE apiti afahyɛ, nnansɔn na munni apiti.

7Da a edi kan no munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

8Na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE nnansɔn. Da a ɛto so ason no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma den biara.

9Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu asase a mede merema mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae fi a edi kan no mmrɛ ɔsɔfo;

11Mat 28.1; 1 Ko 15.20 na onhim efi no AWURADE anim, na ɛnsɔ ani mma mo; ɔhomeda no adekyee na ɔsɔfo no nhim.

12Na ɛda a muhim efi no, momfa oguanten ba a odi mu a wadi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE,

13ne ɛho aduan afɔre: asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw, na ɛnyɛ AWURADE gya afɔre a eyi hua huamhuam; ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn anan mu biako.

14Na munnni abodoo anaa awi a wɔato anaasɛ wɔasiw kosi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛde reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛde mma mo awo ntoatoaso, mo tenabea nyinaa mu.

15 Eks 23.16; 34.22; Deut 28.26-31; Deut 16.9-12 Na monkan nna mfa mfi homeda no adekyee da a mode ohim fi no ba no, ɛnyɛ adapɛn ason pɛpɛɛpɛ.

16Monkan adaduonum nkosi homeda a ɛto so ason no adekyee so ansa na momfa aduan afɔre foforo mmrɛ AWURADE.

17Momfa ohim abodoo abien mfi mo tenabea mmɛma; asikresam abupɛn du mu abien mmɔkaw na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduankan mma AWURADE.

18Na momfa nguanten mma ason a wodi mu a wɔadi afe afe ne nantwiforo biako ne adwennini abien nka abodoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyew afɔre, ne ɛho aduan afɔre ne ahwiesa, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

19Na momfa ɔpapo biako mmɔ bɔne ho afɔre, ne nguanten mma abien a wɔadi afe afe mmɔ asomdwoe afɔre.

20Na ɔsɔfo no nhim wɔn ne aduankan abodoo no ne nguanten mma abien no na ɛnyɛ AWURADE anim him afɔre: ɛnyɛ kronkron mma AWURADE na wɔmfa mma ɔsɔfo no.

21Na munhyia da no ara; ɛnyɛ nhyia kronkron, monnyɛ adwumaden biara. Ɛnyɛ daa ahyɛde mo tenabea nyinaa mu, mo awo ntoatoaso nyinaa mu.

22Lew 19.9 Na sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie w'afuw nkwanse de twa, na nni wo nnɔbae no mu mpɛpɛw. Gyaw ma ohiani ne ɔhɔho. Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

23Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

24Deut 29.1-6; 10.10 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan nyɛ mo homeda, torobɛntohyɛn nkae, nhyia kronkron;

25monnyɛ adwumaden biara, na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE.

26Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

27Lew 16 ɔsram a ɛto so ason yi ara da a ɛto so du ne mpata da; munhyia nhyia kronkron, na mommrɛ mo ho ase, na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE.

28Na ɛda no monnyɛ adwuma biara, efisɛ ɛyɛ mpata da a wɔpata ma mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim.

29Na ɔkra biara a ɔmmrɛ ne ho ase da no, wobetwa no afi ne man mu akyene.

30Na obiara a ɔyɛ adwuma bi saa da no, mɛsɛe oniiko no afi ne man mu.

31Monnyɛ adwuma biara; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso, mo tenabea nyinaa mu.

32Ɛyɛ ɔhome mu homeda ma mo, na mommrɛ mo kra ase ɔsram no da a ɛto so akron no anwummere; munni mo homeda no mfi anwummere nkosi anwummere.

33Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

34Eks 23.16; 34.22; Num 29.12-39; Deut 16.13-15 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ, ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so dunum no yɛ asese afahyɛ nnansɔn ma AWURADE.

35Da a edi kan no yɛ nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

36Yoh 7.37 Nnansɔn na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE; da a ɛto so awotwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awiei, monnyɛ adwumaden biara.

37Eyinom ne AWURADE afahyɛ horow a mompae sɛ wonhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔre mmrɛ AWURADE, ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne okum afɔre ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu.

38Ɛsono AWURADE home nna no, na ɛsono mo ayɛyɛde, na ɛsono mo aboade nyinaa, na ɛsono mo ayamye ade nyinaa a mode ma AWURADE no.

39Nso ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum a moreboa asase so nnɔbae ano no, munni AWURADE nnapɔnna nnansɔn: da a edi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛto so awotwe no yɛ homeda.

40Neh 8.14-16 Na ɛda a edi kan no momfa nnua afɛfɛ so ade, berɛw ne nnua kusuu abaa ne nsukɔn so nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnansɔn.

41Na momfa nni nnapɔnna mma AWURADE, nnansɔn daa afe; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso; ɔsram a ɛto so ason no mu na munni nnapɔnna yi.

42Asese mu na montena nnansɔn, Israel man mma nyinaa ntena asese mu,

43na mo awo ntoatoaso ahu sɛ miyii Israelfo fii Misraim asase so no, asese mu na mema wɔtenae: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

44Na Mose paee AWURADE afahyɛ horow no kyerɛɛ Israelfo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help