1 Yer 29.2; 2 Ah 24.14-15 AWURADE ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim ni, ɛbere a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔɔ Babel no.
2Kɛntɛn biako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a ɛbere kan, na kɛntɛn biako no mu wɔ mmorɔdɔma a enye koraa a oye a enye no nti wontumi nni.
3Yer 1.11, 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, dɛn na wuhu yi? Na mise: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no de, eye sɛ, na nea enye no, enye koraa, na oye a enye nti wontumi nni.
4Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
5Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ mmorɔdɔma pa yi te no, saa na mebu Yuda tukɔfo a mema wofii ha yi kɔɔ Kaldeafo asase so no mayɛ wɔn yiye;
6Yer 31.28 na mede m’ani mɛhwɛ wɔn papa so, na mede wɔn masan maba asase yi so, na mede wɔn mesisi hɔ, na merennwiriw wɔn, na medua wɔn, na merentutu wɔn.
7Yer 31.33-34 Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.
8 Yer 29.17 Na sɛ mmorɔdɔma bɔne a enye nti wontumi nni no te no, sɛ AWURADE se no ni: Saa ara na meyi Yuda hene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkae a wɔaka asase yi so no ne wɔn a wɔte Misraim asase so no mama,
9Yer 29.18 na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ;
10na mɛma afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsa koraa afi asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
