Lewitikɔs 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Aduan afɔrebɔ

1Na sɛ obi de aduan afɔre ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, n'ayɛyɛde no nyɛ asikresam, na ongu so ngo, na ɔmfa ohuamfufu nto so.

2Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asikresam ne ngo no nsa mama, ne ohuamfufu no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade. Ɛyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

3Na aduan afɔre no mu nea ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea. AWURADE gya mu akronkronne mu ade kronkron ne no.

4Na sɛ wode aduan afɔre ayɛyɛde a wɔato no fononoo mu reba a, fa asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw tetare ne apiti fam a wɔagu so ngo bra.

5Na sɛ w'ayɛyɛde no yɛ aduan afɔre a wɔakyew no dade so a, ma ɛnyɛ asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw;

6bubu mu asinasin, na hwie ngo gu so; aduan afɔre ne no.

7Na sɛ w'ayɛyɛde no yɛ kutu mu aduan afɔre a, fa asikresam ne ngo yɛ.

8Na fa aduan afɔre a wɔde nneɛma yi ayɛ no brɛ AWURADE; na wɔde brɛ ɔsɔfo no a, ɔmfa mmra afɔremuka no ho.

9Na ɔsɔfo no nyi ayɛyɛde no so nkae ade no, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE ne no.

10Na aduan afɔre no nkae nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronne mu adekronkron a efi AWURADE gya afɔre mu ne no.

11 Lew 6.7 Aduan afɔre a mode bɛbrɛ AWURADE no nyinaa, mommfa mmɔkaw nnyɛ; na monnhyew mmɔkaw biara ne ɛwo biara sɛ ogya afɔre mma AWURADE.

12Deut 18.12 Momfa nneɛma yi mmrɛ AWURADE sɛ aba a edi kan mu afɔrebɔde, nanso wɔmmfa bi mmma afɔremuka no so sɛ emmeyi hua huamhuam.

13Mar 9.49 Na w'aduan afɔre ayɛyɛde nyinaa, to mu nkyene, na mma wo Nyankopɔn apam nkyene mmpa w'aduan afɔre mu; fa nkyene ka w'ayɛyɛde nyinaa ho.

14 Deut 26.2-3 Na sɛ wode aba a edi kan ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, fa aburow mmɛtem a wɔato no ogya mu atutu apa ho yɛ w'aba a edi kan mu ayɛyɛde;

15na fa ngo gu so, na fa ohuamfufu to so: aduan afɔre ne no.

16Na ɔsɔfo no nhyew aburow mfuamfua a wɔapa ho no bi ne ngo no bi ne ohuamfufu no nyinaa sɛ nkae ade: ɛyɛ ogya afɔre a wɔbɔ ma AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help