1 Berɛsosɛm 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Saul wu(1 Samuel 31.1-13)

1 1 Sa 31 Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima gui Filistifo anim, na apirafo totɔe Gilboa bepɔw so.

2Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo kum Yonatan ne Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saul mma no.

3Na ɔko no den Saul, na agyantofo bɛtoo no, na ne ho yeraw no agyantofo no anim.

4Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante na fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛbɔ me anyampa. Na n’akodekurafo no ampene, na osuroe pii. Enti Saul faa ne nkrante na ɔhwee so.

5Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrante so na ɔtɔe.

6Na Saul tɔe, na ne mma baasa no ne ne fi nyinaa totɔe prɛko.

7Na Israelfo a wɔwɔ obon no mu nyinaa hui sɛ asraafo no aguan, na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw wɔn nkurow guanee. Na Filistifo bae bɛtenatenaa mu.

8Na n’adekyee no, Filistifo baa atɔfo no ho nneɛma yiyi, na wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so.

9Na woyiyii wɔn ho ade, na wɔfaa ne ti ne n’akode somae ma wɔde kyinii Filistifo asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no.

10Na wɔde n’akode no kosiee wɔn anyame fi, na ne tikora de, wɔde kɔfam Dagon fi.

11Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul nyinaa no,

122 Sa 2.5 akofofo no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saul amu ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wobesiee wɔn nnompe no odupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wodii mmuada nnansɔn.

13 1 Sa 15.11; 28.8 Na Saul wui ne fom a ɔfom AWURADE no ne AWURADE asɛm a wanni so no ne sɛ nso okobisaa ɔsamanfrɛfo hɔ ade hwehwɛɛ n’akyi kwan,

14na wanhwehwɛ AWURADE akyi kwan nti, na okum no, na ɔdan ahenni no maa Yese ba Dawid.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help