2 Berɛsosɛm 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yehosafat ahenni pa

1 1 Ah 15.24 Na ne ba Yehosafat bedii n’ade na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asi.

2Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifo duaduaa Yuda asase so ne Efraim nkurow a n’agya Asa gyei no mu.

3Na AWURADE dii Yehosafat akyi, efisɛ ɔnantew n’agya Dawid kan akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

4na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnantewee, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛe no.

52 Be 18.1 Na AWURADE maa n’ahenni no timii ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛde brɛɛ Yehosafat, na onyaa adedodow ne anuonyam bebree.

6Na ɔnantew AWURADE akwan mu nti onyaa akokoduru de yiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no fii Yuda.

7Na n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkurow mu.

8Na Lewifo, Semai, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adonigya, Tobia ne Tob-adonigya a wɔyɛ Lewifo no ka wɔn ho, na asɔfo Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho.

9Na wɔkɔkyerɛkyerɛe Yuda, na wokura AWURADE mmara nhoma no kyinii Yuda nkurow nyinaa mu kyerɛkyerɛe ɔman no mu.

10Na AWURADE ho hu baa nsaase a etwa Yuda ho hyia no ahenni nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.

111 Ah 4.21 Na wofi Filistifo mu nso de ayɛyɛde ne dwetɛ beyii tow maa Yehosafat; Arabiafo mpo de nguan brɛɛ no: Adwennini mpemnsɔn ahansɔn, ne mpapo nso mpemnsɔn ahansɔn.

12Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduankora nkurow Yuda.

13Na ɔwɔ akorade bebree Yuda nkurow mu, ne akofofo, mmarima a wotumi, Yerusalem.

14Na wɔn nkanee sɛ wɔn mpanyimfi te ni: Yuda mu mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wotumi ɔpehasa ka ne ho.

15Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan di, na nnipa ɔpehanu aduɔwɔtwe ka ne ho.

16Na ɔno so na Sikri ba, Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE ayamye so no di, na mmarima a wotumi ɔpehanu ka ne ho.

17Na Benyamin mu: Ɔbarima a otumi Eliada, na nnipa ɔpehanu a wokura atadua ne akyɛm ka ne ho.

18Na ɔno so na Yehosabad di, na nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛnea wɔrekɔ sa ka ne ho.

19Eyinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkurow a ɛyɛ den no mu no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help