Hiob 27 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hiob kyerɛ ne bemdi ne abɔnefo ahotɔ a ɛnkyɛ

1Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:

2Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem kɔ,

ne Otumfo a ɔhyɛ me kra awerɛhow no te ase yi,

3na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu,

na Onyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,

4 Nnw 34.13 ampa ara, m’ano renka amumɔyɛsɛm,

na me tɛkrɛma renka nnaadaasɛm!

5Ɛmpare me sɛ mebu mo bem;

meremma wonyi me mudi mfi me ho

de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.

6 Aso 24.16; 1 Ko 4.4 Mekura me trenee mu dennen, na merennyaa mu;

me koma remmu me fɔ me nna biara ho.

7Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefo,

na nea ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumɔyɛfo.

8 Luka 12.20 Na ɛdɛn ne ɔkɔnkɔnsani anidaso,

bere a wotwa ne nkwa so,

bere a Onyankopɔn twe ne kra kɔ no?

9So Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ

bere a ahohia bɛba no so no anaa?

10Anaasɛ n’ani begye Otumfo ho,

ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa mu anaa?

11Mɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsa ho asɛm,

nea ɛwɔ Otumfo hɔ no, merensiw so.

12Hwɛ, mo de, mo nyinaa moahu,

na adɛn na moda so di ahuhusɛm yi?

13Eyi ne onipa, ɔbɔnefo kyɛfa a onya Onyankopɔn hɔ,

ne nhyɛsofo agyapade a wonya Otumfo nsam:

14 Hiob 21.19 Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afoa,

na wɔn a wofi no mu no aduan remmee wɔn.

15Ne nnipa a wɔbɛka no,

owuyare mu na wobesie wɔn,

na n’akunafo rensu.

16Sɛ ɔboa dwetɛ ano sɛ mfutuma,

na osiesie ntade sɛ dɔte a,

17 Mmb 13.22 osiesie de, nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ,

na dwetɛ no, nea odi bem na ɔbɛkyɛ mu.

18Osi ne dan sɛ abubummabaa,

na ɛte sɛ ɔsese a ɔwɛmfo yɛ.

19Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefo, nso ɔrenna so nyɛ saa bio;

obebue n’ani, na onni hɔ bio.

20Ahuyide fa no sɛ nsu,

anadwo na ahum wia no kɔ.

21Apuei mframa soa no kɔ,

na ehwim no fi ne tenabea.

22Na ɔtow gu no so, na ɔnkyɛe no so,

aguan ara na ɔpɛ aguan afi ne nsam.

23Wɔbɛbobɔ nsam agu no so,

na wɔabɔ no so hwirema de no afi ne tenabea akɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help