Nnwom 71 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE, nnyaw me

1Wo AWURADE na maguan matoa wo,

m’anim rengu ase da biara da.

2Fa wo trenee yi me, na gye me,

yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

3 Nnw 18.2; 31.2-3 Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa yi.

Woahyɛ sɛ wonnye me nkwa,

na wone me botan ne me ho fasu.

4Me Nyankopɔn, gye me fi ɔbɔnefo nsam,

gye me omumɔyɛfo ne otirimɔdenfo nsam.

5Na wo, AWURADE, ne m’anidaso,

nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.

6 Nnw 22.10 Wo na mifi yafunum mede m’akyi mitwerii wo,

wuyii me fii me na yam,

wo na meyi wo ayɛ daa yi.

7 Nnw 4.3 Mayɛ nnipa bebree ani so anwonwade,

na wone me guankɔbea a ɛyɛ den.

8W’ayeyi ne wo nidi bɛhyɛ m’anom ma daa adesae.

9 Nnw 71.18 Ntow me nkyene nkwakorabere,

na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.

10Na m’atamfo ka me ho asɛm,

na wɔn a wobuw me kra bom tu agyina

11ka sɛ: Onyankopɔn agyaw no;

muntiw no nkyere no,

na obi nni hɔ a obegye no.

12Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware,

me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.

13Me kra ho asɛmpɛfo ani bewu na wɔayera,

ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.

14Na me de, mɛtwɛn ara daa yi,

na mede bi maka w’ayeyi nyinaa ho.

15 Nnw 71.8; 40.5 M’ano bɛka wo trenee

ne wo nkwagye daa adesae,

efisɛ minnim ano.

16Mede AWURADE ahoɔdenne mɛba mabɛkae wo trenee,

wo nkutoo de no.

17 1 Sa 7.12 Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me,

na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.

18 Nnw 71.9; Yes 46.4 Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me,

kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma,

na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

19 Eks 15.11 Na, Onyankopɔn, wo trenee kɔ ɔsorosoro,

wo a woayɛ ade akɛse,

Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?

20 1 Sa 2.6 Wo a woma yehuu amane bebree a ɛyɛ yaw,

wobɛma yɛanya nkwa bio,

na woatwe yɛn afi asase aku mu asan aba.

21Wobɛma me kɛseyɛ adɔ,

na woadan w’ani akyekye me werɛ.

22Me nso mede bɛnta sanku meyi wo ayɛ,

me Nyankopɔn ne wo nokware,

mede sankuten mɛto wo, Israel hotefo no, dwom.

23Meto ayeyi dwom mema wo a,

m’ano ne me kra a woagye no no ho bɛsan no.

24Mede me tɛkrɛma nso mɛka wo trenee ho asɛm daa,

efisɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu,

na wɔn anim agu ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help