Hesekiel 3 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1 Hes 2.9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nea wuhu no, di! Di nhoma mmobɔwee yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fi.

2Ɛnna mibuee m’anom, na ɔma midii nhoma mmobɔwee no,

3na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma. Na midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.

4Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fi nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.

5Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru nkyɛn na wɔasoma wo, na mmom Israel fi nkyɛn;

6ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesoma wo a, anka wɔn de, wobetie wo.

7Na Israel fi mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me; na Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim.

8Yer 1.18 Hwɛ, mahyɛ w’ani den wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den ahyɛ wɔn moma so.

9Mayɛ wo momaso sɛ ahemmo a ɛyɛ den sen twɛrebo; nsuro wɔn, na mma wo bo nntu wɔn anim, na wɔyɛ asowuifo fi.

10Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka makyerɛ wo nyinaa, fa wo koma gye, na fa w’aso tie,

11Hes 2.5, 7 na sim kɔ atukɔfo, wo man mma no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wotie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.

12 Hes 8.3; Aso 8.39 Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ;

13ne ateasefo no ntaban a etwitwiw mu no nne, ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosow kɛse nne.

14Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.

15Na mebaa Tel-abib atukɔfo a wɔtete asu Kebar ho no nkyɛn ne nea wɔte hɔ no, na metenaa hɔ nnansɔn, na me ho dwiriw me wɔ wɔn mu.

Wosi Hesekiel ɔwɛmfo(Hesekiel 33.1-9)

16Na nnansɔn twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17Hes 33.7-9; Yes 52.8; Heb 13.17 Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.

18Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no antwe ɔbɔnefo no amfi ne kwammɔne so na wanya nkwa a, ɛnne ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, nanso ne mogya de, mebisa wo nsam.

19Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ, na wansan amfi ne bɔne no ne ne kwammɔne no so a, ɔno bewu n’amumɔyɛ mu, na wo de, woagye wo kra.

20Hes 18.24 Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee mu na ɔyɛ abusude a, mede hintidua mɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, obewu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetrenee a ɔyɛe no; na ne mogya de, wo nsam na mebisa.

21Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔtreneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na obenya, efisɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woagye wo kra.

Onyankopɔn anuonyam adiyi foforo

22 Hes 1.3 Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre fi adi kɔ obon no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ.

23Hes 1.4 Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.

24Hes 2.2 Na honhom no bɛhyɛn me mu ma migyinaa m’anan so na ɔne me kasae ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fi.

25Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhama begu wo so de akyere wo, na woremfi wɔn mu mfi adi.

26Hes 2.5, 7 Na wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi.

27Hes 3.11 Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mebue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se. Ma ɔtefo nte, na ogyaefo nnyae; na wɔyɛ asowui fi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help