Nnwom 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔboa ho adesrɛDawid mpaebɔ

1AWURADE, tie asɛntrenee,

wɛn w’aso ma me nkɔmmɔ,

yɛ aso ma me mpaebɔ

a emfi nnaadaa anofafa mu.

2 Nnw 43.1 Ma me bembu mfi w’anim mmra,

ma w’aniwa nhwɛ ade a ɛteɛ.

3 Nnw 16.7; 139.1 Sɛ wosɔ me koma hwɛ na wohwehwɛ mu anadwo,

na wonan me yiyi mu, a worenhu me mu bɔne bi.

Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfi m’ano.

4Nnipa nneyɛe fam,

w’anom asɛm no nti masɔre me ho,

awerɛmfo akwan ho.

5W’anammɔn no ara so na me kwan nam,

m’anan anwatiri.

6O! Onyame, Misu mefrɛ wo

na wubegye me so,

Yɛ aso ma me, tie me nsɛm.

7 Nnw 4.3 Fa anwonwa kwan so

yi wo dɔ mmapa no adi kyerɛ,

wo a wugye wɔn a wɔhwehwɛ guankɔbea,

fi wɔn atamfo nsam.

8 Deut 32.10 Hwɛ me so sɛ aniwa kurutiayisi,

fa me hintaw wo ntaban nwini ase,

9abɔnefo a wɔfom me fa,

m’atamfo atirimɔdenfo a wotwa me ho hyia no nti.

10Wɔapirim wɔn koma, wonni mmɔborohunu biara,

wɔde wɔn ano ka ahantan kasa.

11Wɔtetɛw me, pɛ me asehwe na afei wotwa me ho hyia,

wɔde wɔn ani akari me, pɛ sɛ mehwe ase.

12 Nnw 10.9 Wɔte sɛ gyata a ɔredɛɛdɛɛ

apɛ nea obenya no akyere

te sɛ gyata ba a ɔtɛw kokoam.

13O! AWURADE, sɔre besianka wɔn, brɛ wɔn ase,

fa w’afoa gye me kra fi ɔbɔnefo nsam.

14 Luka 16.25; Flp 3.19 AWURADE, fa wo nsa begye me, fi nnipa nsam,

nnipa a wɔn nkwa kyɛfa ne wiase de,

fa nea wasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma

ma wɔn mma nnya no mmoroso

na wɔmfa bi nnyaw nkyirimma.

15Me de, mɛhwɛ w’anim trenee mu;

minyan a, mehu sɛ mahu wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help