2 Ahene 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Elisa boa ɔbea kunafo no

1Na adiyifo mma no mu biako yere teɛɛm frɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, no wo ara wunim sɛ w’akoa suro AWURADE; na ɔkafo aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.

21 Ah 17.12 Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na menyɛ memma wo? Kyerɛ me ɛ, dɛn na wowɔ ofie? Na ose: W’afenaa nni hwee ofie gyee ngohina biako pɛ.

3Na ɔkae sɛ: Fi adi kɔfemfɛm nhina wɔn a wɔtete bɛn wo nyinaa nkyɛn, nhina hunu, ma ɛnnɔɔso.

4Na sɛ woba mu a, to wo ne wo mma no pon mu, na hwiehwie gu nhina no nyinaa mu, na fa nea ayɛ ma no sisi nkyɛn.

5Na ofii ne nkyɛn kɔe, na ɔkɔtoo ne ho ne ne mma pon mu; wɔn de, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guguu mu.

6Na nhina no yeyɛɛ amaama no, ɔka kyerɛɛ ne ba sɛ: Fa nhina bi brɛ me bio! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nhina bi nni hɔ bio; na ngo no twae.

7Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no. Na Onyankopɔn nipa kae sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni nea aka no ntena ase.

Elisa ne Sunemni bea

8 Yos 19.18 Na da bi Elisa sen kɔɔ Sunem. Na ɔbea ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no sɛ ommedidi. Enti daa ɔretwam a, ɔman hɔ kodidi.

9Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, mahu sɛ Onyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsen yɛn nkyɛn daa yi;

10ma yɛnyɛ abansoro fasu mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua ne ɔpon ne agua ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, waman akɔ hɔ.

11Na da bi ɔbaa hɔ, na ɔman kɔɔ abansoro pia no mu kɔdaa hɔ.

12Na ɔka kyerɛɛ n’abofra Gehasi sɛ: Kɔfrɛ Sunemni no bra! Na ɔkɔfrɛɛ no bae, na obegyinaa n’anim.

13Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ, wode ɔhaw yi nyinaa ahaw wo ho ama yɛn. Dɛn na yɛnyɛ mma wo? Wowɔ asɛm bi a wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene anaa ɔsafohene? Na ose: Me de, mete me nkurɔfo mu.

14Na ɔkae sɛ: Na dɛn na wɔnyɛ mma no? Na Gehasi se: Ampa, onni ba, na ne kunu nso anyin.

15Na ɔkae sɛ: Frɛ no! Na ɔfrɛɛ no, na obegyinaa ɔpon ano.

16Gye 18.10, 14 Na ɔkae sɛ: Afedan sesɛɛ bere yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ose: Nyɛ sa, me wura, Onyankopɔn nipa, nni atoro nkyerɛ w’afenaa.

17Na ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima afedan no mu, bere a Elisa ka kyerɛɛ no no mu.

18Na abofra no nyinii. Na da bi ofii adi kɔɔ n’agya nkyɛn awitwafo nkyɛn.

19Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Me ti, me ti! Na ɔka kyerɛɛ aberante bi sɛ: Ma no so kɔma ne na.

20Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne nankoroma so kosii owigyinae, na owui.

21Na ɔforo de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa no so, na ɔtoo ɔpon no mu na ofii adi.

22Na ɔkɔfrɛɛ ne kunu sɛ: Mesrɛ wo, soma mmerante no mu biako ne mfurum abere no mu biako brɛ me, na mintutu mmirika menkɔ Onyankopɔn nipa no nkyɛn na memmra.

23Na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsram foforo, na ɛnyɛ homeda. Na ose: Ɛwom.

24Na ɔhyehyɛɛ afurummere no, na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Ka no kɔ ntɛm ara, ngow ammirikatu mu mma me, gye sɛ meka mekyerɛ wo.

252 Ah 2.25 Na osiim, na obeduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn Karmel bepɔw so.

Na Onyankopɔn nipa no huu no akyirikyiri no, ɔka kyerɛɛ n’abofra Gehasi sɛ: Hwɛ, Sunemni no ni.

26Afei tu mmirika kohyia no, na bisa no se: Wo ho ye anaa? Wo kunu ho ye anaa? Abofra no ho ye anaa? Na ose: Wɔn ho ye.

27Na oduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔw no so no, obesusoo ne nan; na Gehasi twiw bɛnee sɛ obesum no. Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ ahow wɔ no mu, na AWURADE de ahintaw me, na wanka ankyerɛ me.

282 Ah 4.16 Na ɔbea no kae sɛ: So mebɛsrɛɛ me wura hɔ ɔba? So manka sɛ: Nnaadaa me!

29Luka 10.4 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bɔ wo ho so, na fa me poma kura na kɔ; woto obi a, nkyia no, nso obi kyia wo a, nnye no so: Na fa me poma no kɔto abofra no anim.

30Na abofra no na kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo! Ɛnna ɔsɔre dii n’akyi.

31Na Gehasi dii wɔn anim kɔe, na ɔde poma no kɔtoo abofra no anim; nanso wante ɛnne bi, na wanhu nkwa ho sɛnkyerɛnne bi. Na ɔsan kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abofra no nnyanee ɛ.

32Na Elisa duu ofie hɔ no, na hwɛ, abofra no awu da ne mpa so.

33Aso 9.40 Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pon mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae.

341 Ah 17.21 Na ɔforo kobutuw abofra no so, na ɔde n’ano butuw n’ano, na ɔde n’aniwa butuw n’aniwa so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abofra no so, na abofra no honam yɛɛ hyew.

35Ɛnna ɔsan bae bɛnantew ɔdan no mu dii hɔ akɔneaba, na ɔforo kɔɔ bio kɔponoo ne mu wɔ no so. Ɛnna abofra no nwansii mpɛn asɔn, na abofra no buee n’aniwa.

36 Luka 7.15; Heb 11.35 Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkae sɛ: Fa wo ba no!

37Ɛnna ɔbae bɛhwee ne nan ase kotow no butuw fam, na ɔfaa ne ba no fii adi.

Ɔsɛn mu awuduru. Nnipa ɔha aduanma

38Na Elisa san baa Gilgal. Na ɔkɔm aba asase no so, na adiyifo mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Fa ɔsɛnkɛse si so noa aduan ma adiyifo mma no.

39Na obiako fi kɔɔ wuram sɛ ɔkɔtetew fan, na okohuu wuram hama bi, na ɔtetew so wuram ɛfere ne ntama ma, na ɔba betwitwaa mu guu ɔsɛn a aduan wɔ mu no mu; nso na wonnim.

40Ɛnna wohwie maa nnipa no sɛ wonni. Na wɔredi aduan no bi no, wɔteɛɛm sɛ: Awuduru wɔ ɔsɛn no mu, Onyankopɔn nipa! Na wontumi nni.

41Na ɔkae sɛ: Ɛnne momfa osiam mmra. Na ɔde guu ɔsɛn no mu, na ɔkae sɛ: Hwie ma nkurɔfo no na wonni. Na biribi bɔne bi nni ɔsɛn no mu bio.

42Na ɔbarima bi nso fi Baal-salisa bae, na ɔbrɛɛ Onyankopɔn nipa no aba a edi kan, abodoo, atoko abodoo aduonu ne awi foforo a wonhuanee ɛ. Na ɔkae sɛ: Fa ma nkurɔfo no na wonni.

43Yoh 6.9; Mat 15.33 Na ne somfo no se: Ɛdɛn? Memfa eyi minsi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkae bio sɛ: Fa ma nkurɔfo no na wonni. Na sɛ AWURADE se ni: Wobedi na wɔagyaw bi.

44Mat 16.9-10 Ɛnna ɔde sii wɔn anim; na wodii, na wogyaw bi, sɛnea Awurade kae no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help