Yesaia 39 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hesekia ahokyerɛ(2 Ahene 20.12-19)

1 2 Ah 20.12-19; 2 Be 32.25-31 Ɛbere no mu no Babel hene Merodak-baladan a ɔyɛ Baladan ba somae ma wɔde nhoma ne ayɛyɛde brɛɛ Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den.

2Na Hesekia nyaa wɔn ho anigye, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradedan, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akodedan nyinaa ne nea wohu n’akoradedan mu nyinaa; biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wofi Babel.

4Na ɔkae sɛ: Dɛn na wɔahu wɔ wo fi? Na Hesekia se: Nea ɛwɔ me fi nyinaa, wɔahu, biribi nni m’adekora adan mu a mamfa mankyerɛ wɔn.

5Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm:

6Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ose.

7Na wo ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu mpiadifo.

8Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, eye. Efisɛ ose: Ɛnne na asomdwoe ne ɔmannwoe bɛba me bere so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help