Deuteronomium 25 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1Sɛ ɔham ba mmarima ntam a, wɔmmra asɛnnii, na wommu wɔn atɛn, na wommu ɔtreneeni bem, na wommu ɔbɔnefo fɔ.

2Na sɛ ɔbɔnefo no di ɔhwe a, ɔtemmufo no mma ɔnna fam, na wɔnhwe no wɔ n’anim, dodow a ɛsɛ ne bɔne no.

32 Ko 11.24 Mmaa aduanan na wɔnka no, ɛnntena so, na wantena so anhwe no mmaa pii ansen eyi, na wo nua annan w’ani so ɔhohorani.

4 1 Ko 9.9; 1 Tim 5.18 Nkata nantwi a ɔporow awi ano.

5 Rut 4.5; Mat 22.24 Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu biako wu na onni ba a, owufo no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔho; ne kunu ne nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ okunu nua asɛde mma no.

6Na abakan a ɔbea no bɛwo no no, wɔmfa ne nua a owui no din nto no, na ne din ampopa amfi Israel.

7Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnne ne nua yere no nkɔ kurow pon ano mpanyimfo nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu ne nua mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ me okunu nua asɛde.

8Na ne kurom mpanyimfo no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no; na sɛ ogyina hɔ ka sɛ: Mempɛ sɛ meware no, a,

9ɛnne ne nua yere no ntwiw mmɛn no mpanyimfo no anim, na ɔnsan ne nan mpaboa, na onhinam n’ani so ntasu nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ osiesie ne nua fi.

10Na wɔmfrɛ ne fi Israel mu sɛ: Nea ne mpaboa asan no fi.

11Sɛ mmarima reko, obi ne ne nua, na obiako yere twiw bɛn sɛ ɔrebegye ne kunu afi nea ɔrehwe no no nsam, na ɔteɛ ne nsa so ne barima mu a,

12ɛnne twa ne nsa, mma w’ani nnhu no mmɔbɔ.

13 Lew 19.35-36 Nnya abrammo horow abien, kɛse ne ketewa, wɔ wo fotow mu.

14Nnya olonka ahorow abien, kɛse ne ketewa, wɔ wo fi.

15Nya abrammokwanmu a ɛteɛ, nya olonka a edu na ɛteɛ, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.

16Mika 6.11 Na AWURADE wo Nyankopɔn akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, wɔn a wotwa nkontompo nyinaa.

Wɔmpopa Amalek nkae

17 Eks 17.8-16 Kae nea Amalek yɛɛ wo ɔkwan so bere a mufi Misraim reba no:

18Sɛnea ɔbɛtoaa wo ɔkwan mu, bere a woatɔ piti na woabrɛ, na otwaa wɔn a aka w’akyi no nyinaa gui wɔ w’akyi, na wansuro Onyankopɔn.

191 Sa 15.2-3 Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsam, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena so no so a, popa Amalek nkae fi ɔsoro ase; mma wo werɛ mmfi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help