1AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ,
wo nokwaredi mu gye me so, wo trenee mu.
2
7 Nnw 28.1 AWURADE, yɛ ntɛm gye me so,
me honhom tɔ piti,
nyi w’ani nhintaw me,
na manyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu.
8Ma mente w’adɔe anɔpa,
na wo so na mede me ho meto.
Ma minhu ɔkwan a memfa so,
na wo na mema me kra so mekyerɛ wo.
9AWURADE, yi me fi m’atamfo nsam.
Wo nkyɛn na mede me ho makora.
10 Nnw 25.5 Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ,
na wone me Nyankopɔn,
wo honhom pa no nnya me asase tee so.
11 Nnw 23.3; 119.25 Wo din nti, AWURADE, ma minnya nkwa,
wo trenee mu yi me kra fi ahohia mu,
12 Nnw 116.16 na w’adɔe mu yi m’atamfo hɔ,
na sɛe wɔn a wɔhaw me kra nyinaa,
na w’akoa ne me.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
