Mmebusɛm 15 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nkwagye ne ɔsɛe

1 Mmb 15.18; 1 Ah 12.13, 16 Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere,

na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.

2 Mmb 12.23 Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ,

na nkwasea ano woro agyimisɛm.

3AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa

rehwɛ abɔnefo ne apapafo.

4Tɛkrɛmabere yɛ nkwa dua,

na emu kyea yɛ honhom mu mmubui.

5 Mmb 15.32; 13.1 Ogyimifo tew n’agya nteɛso ahi,

na nea obu nkaanim no ani bɛtew.

6Ɔtreneeni fi wɔ ahode pii,

na ɔbɔnefo nnɔbae mu wɔ anitane.

7Anyansafo ano pete nimdeɛ,

na nkwasea koma ntim.

8 Mmb 15.29; 21.27; 28.9; Gye 4.4-5; Yes 1.11, 15; Luka 18.9-14 Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide,

na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.

9 Mmb 11.20 Ɔbɔnefo kwan yɛ AWURADE akyide,

na trenee akyidifo na ɔdɔ no.

10 Mmb 10.17; 29.1 Nteɛso a ano yɛ den bɛba nea ogyaw ɔkwan pa no so,

na nea okyi animka no bewu.

11 Hiob 26.6; Nnw 139.8; Yer 17.10 Asaman ne ɔsɛe amoa wɔ AWURADE anim,

na menne nnipa mma koma.

12 Mmb 9.8; 13.1 Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim,

ɔnkɔ anyansafo nkyɛn.

13 Mmb 15.15 Anigye koma ma anim tew,

na komam awerɛhow bubu honhom.

14Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ,

na nkwasea ano di agyimisɛm.

15 Mmb 15.13; 17.22 Ɔmanehunufo nna nyinaa yɛ bɔne,

na koma pa te sɛ daa apontow.

16 Mmb 16.8; 17.1; Nnw 37.16 AWURADE suro mu ade ketewa ye

sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu.

17Fam aduan a ɔdɔ wɔ mu ye

sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu.

18 Mmb 15.1; 26.21; 29.22 Obufufafo hwanyan atutuw mu,

na abodwokyɛrefo pata akayɛ.

19 Mmb 24.30-31 Onihawfo kwan te sɛ nsɔe ban,

na teefo kwan yɛ petee.

20 Mmb 10.1 Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye,

na onipa kwasea bu ne na animtiaa.

21Agyimisɛm yɛ nea onni ti anigye,

na ɔbadwemma teɛ ne nantew.

22 Mmb 11.14 Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa,

na agyinatufo pii mu na ebegyina.

23Onipa anom mmuae yɛ anigye ma no,

na asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!

24Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefo,

na wakwati asaman a ɛwɔ ase no.

25AWURADE dwiriw ahantanfo fi,

na ɔhyɛ okunafo hye so den.

26Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyide,

na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho tew.

27 Nnw 15.5 Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi,

na nea okyi akyɛde bɛtena ase.

28Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho,

na abɔnefo ano woro nsɛmmɔne.

29 Mmb 15.8; Yoh 9.31 AWURADE ne abɔnefo ntam ware,

na treneefo mpaebɔ de, otie.

30 Mmb 25.25 Aniwa so tew ma koma tɔ yam,

na atesɛm pa ma nnompe mu ba hon.

31Aso a etie nkwa animka no,

ɛbɛtena anyansafo mu.

32 Mmb 15.5 Nea ɔpo nteɛso no pa ne kra,

na nea otie animka no hu nyansa.

33 Mmb 1.7; 18.12 AWURADE suro ne nyansa nteɛso,

na ahobrɛase di anuonyam anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help