Nnwom 16 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn mu ahotosoDawid abebu dwom

1Onyankopɔn, fa me sie,

na wo na miguan metoa wo.

2 Nnw 73.25 Mise AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo,

minni papa biara nka wo ho.

3Na akronkronfo a wɔwɔ asase so no,

wɔne anuonyamfo a wɔsɔ m’ani koraa.

4Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no,

wɔma wɔn yaw dɔɔso.

Merenhwie wɔn mogya ahwiesa no bi,

na meremfa m’ano memmɔ wɔn din.

5 Kwa 3.24 AWURADE ne m’agyapade ne me kuruwa mu kyɛfa,

wo na woma me nkrabea mu trɛw.

6Me hye hama akɔfa nea eye ama me,

yiw, apɛgyade no yɛ me fɛ.

7 Nnw 4.4; 17.3 Mekamfo AWURADE a otu me fo,

anadwo me koma kyerɛkyerɛ me tu me fo.

8Mede AWURADE masi m’anim daa yi,

na ɔwɔ me nifa yi, merenhim.

9 Gye 49.6 Enti me koma tɔ me yam,

na me kra di ahurusi,

nso me honam bɛtena hɔ dwoodwoo.

10 Aso 2.25-32; 13.35-37 Na worennyaw me kra asaman,

woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee.

11Wobɛkyerɛ me nkwa kwan,

a anika a ɛmee wɔ w’anim,

na anigyede wɔ wo nifa hɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help