2 Berɛsosɛm 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Solomon dwumadi ahorow(1 Ahene 9.10-28)

1 1 Ah 9.10-28 Na Solomon de mfe aduonu sisii AWURADE fi ne ne fi no wiei no,

2Solomon kyekyee nkurow a Huram de maa no no, na ɔmaa Israelfo kɔtenaa hɔ.

3Na Solomon siim kɔɔ Hamat-soba kodii so.

4Na ɔkyekyee Tadmor wɔ sare so ne adekora nkurow a ɔkyekyee Hamat no nyinaa.

5Na ɔkyekyee atifi Bet-horon ne anafo Bet-horon, nkurow a ɛyɛ den a ɛwɔ afasu ne apon ne apon akyi adaban;

6ne Baalat ne adekora nkurow a Solomon wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkurow nyinaa ne apɔnkɔsotefo nkurow ne ade a Solomon pɛe sɛ ɔkyekye wɔ Yerusalem ne Lebanon ne n’ahenni asase no nyinaa so.

7Nso nkurɔfo a wɔkae no a wofi Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo no mu no nyinaa,

8Yos 16.10 wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi asase no so a Israel mma annwɛre wɔn no de, Solomon gyee wɔn adwumayɛ tow de besi nnɛ da yi.

9Na Israelfo no mu de, Solomon amfa obi anyɛ akoa n’adwuma mu, na wɔn ne n’akofofo ne n’akunini so asafohene ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo so asafohene.

10Na eyinom ne adwumayɛfo a ɔhene Solomon wɔ no so asafohene, nnipa ahanu aduonum a wodi nkurɔfo no so.

11Na Farao babea no de, Solomon de no fii Dawid kurow no mu baa ofi a wasi ama no no mu, efisɛ ɔkae sɛ: Me yere nntena Israel hene Dawid fi, efisɛ nea AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron.

Asɔre mu nhyehyɛe

12 2 Be 1.3-6; 4.1 Ɛno mu na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE wɔ AWURADE afɔremuka a osii ntwironoa no anim no so,

13Num 28.2, 9, 11, 17, 26; 29.12 sɛnea ehia da biara na ɔbɔ ɔhyew afɔre no, sɛnea Mose hyɛe no, home nna de ne asram foforo de; ne afahyɛ ahorow abiɛsa a wɔhyɛ no afe biara a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna, ne asese nnapɔnna no mu.

141 Be 23.26 Na sɛ n’agya Dawid atɔremude te no, ɔde asɔfo no nkyekyem no sisii wɔn som so, ne Lewifo no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wonyi ayɛ na wɔnsom asɔfo no anim, sɛnea ehia da biara; ne aponanohwɛfo no, wɔn nkyekyem mu, ɔpon ne ɔpon ano: Na saa na Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe.

15Na wɔamfi ɔhene mmara asɛm a ɛda asɔfo ne Lewifo no so no ho, nsɛm nyinaa ne akorade no fam.

16Na wosiesiee Solomon adwuma no nyinaa ho siee da a wɔhyɛɛ AWURADE dan no ase de kosii sɛ wowiee AWURADE fi no koraa.

Po so akwantu

17Ɛno na Solomon kɔɔ Esion-geber ne Elot wɔ mpoano, Edom asase so.

18Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wonim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Solomon nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛse ahanan aduonum fi hɔ de brɛɛ ɔhene Solomon.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help