1 Yes 50.2 Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye,
na n’aso nyɛ duru a ɛrente asɛm,
2na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo
ne mo Nyankopɔn ntam pan,
na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho
a enti ontie.
3 Yes 1.15 Na mogya akeka mo nsam,
na amumɔyɛ agu mo nsatea ho fi;
mo ano keka atosɛm,
mo tɛkrɛma woro nkontompo.
4Obiara nsamena asɛntrenee so,
na obiara nni asɛm nokware so;
wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw;
wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.
5Wosow ɔkyereben nkesua,
na wɔnwene ananse ntontan;
nea odi wɔn nkesua wu,
na wotia bi so a, ɛpae ahurutoa.
6Wɔn ntontan no renyɛ atade,
na nnipa remfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho;
wɔn nnwuma yɛ abusudwuma,
na akokobirisɛmdi wɔ wɔn nsam.
7 Rom 3.15-17 Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne,
na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu;
wɔn adwene yɛ abusudwene,
ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.
8Asomdwoe kwan de, wonnim,
na atɛntrenee nni wɔn akwan mu;
wɔayɛ wɔn akwan akɔntɔnkye,
obiara a ɔfa so nnim asomdwoe.
9Enti na atemmu ne yɛn ntam aware,
na trenee nso nto yɛn no;
yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum ni,
ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.
10Yɛkeka ɔfasu ho sɛ anifuraefo,
na yenyamae sɛ wɔn a wonni aniwa;
yehintiw awia ketee sɛ kusuu mu,
yehinhim ahoɔdenfo mu sɛ awufo.
11Yɛn nyinaa po so sɛ asisi,
na yesisi apini sɛ mmorɔnoma;
yɛtwɛn atemmu, nso ebi nni hɔ,
ne nkwagye, nso ɛne yɛn ntam ware.
12Na yɛn mmaratode dɔɔso w’anim,
na yɛn bɔne di yɛn adanse tia yɛn;
na yɛn mmaratode da yɛn anim,
na yɛn amumɔyɛde nso, yenim.
13Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo,
na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi;
yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa,
yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.
14Na wɔde atemmu asan akyiri kɔ,
na trenee akogyina akyirikyiri;
na nokware ahwe ase gua so,
na nea ɛteɛ ntumi mma mu.
15Na nokware ayɛ ade a ɛho yɛna,
na nea ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔfow no.
Na AWURADE hui, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne
sɛ atemmu bi nni hɔ,
16 Yes 63.5 na ohui sɛ obiara nni hɔ,
na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo bi nni hɔ;
ɛnna ne basa gyee no,
na ne trenee wowaw no.
17Na ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo,
na nkwagye dade kyɛw hyɛɛ ne ti,
na ɔhyɛɛ aweredi atade kataa ne ho,
na ofuraa ninkuntwe sɛ ntama.
18Sɛ wɔyɛe no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu
de abufuhyew ama n’ahohiafo, ne akatua ama n’atamfo;
mpoano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.
19Na wobesuro AWURADE din afi atɔe,
ne n’anuonyam afi owia puebea,
na ɔbɛba sɛ asu a ano yɛ den
a AWURADE ahum de reba.
20 Yes 1.27; Rom 11.26 Na ɔbɛba sɛ ogyefo ama Sion ne Yakob mu
wɔn a wɔsan fi mmarato mu no,
AWURADE asɛm ni.
21 Yer 1.9 Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.