Hiob 35 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1Na Elihu kɔɔ so ara kae sɛ:

2 Hiob 32.2 So wubu sɛ ɛteɛ,

anaa woka sɛ: Me trenee sen Onyankopɔn de,

3 Hiob 34.9 sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfaso bɛn?

Na mfaso bɛn na menya asen sɛ anka meyɛɛ bɔne?

4Me de, mede nsɛm mebua wo

ne wo mfɛfo a wɔka wo ho no.

5Hwɛ ɔsoro, na hu,

na hwɛ omununkum a ɛkorɔn sen wo no.

6 Hiob 7.20 Sɛ woyɛ bɔne a, dɛn na wode yɛ no,

na sɛ wo mmarato dɔɔso a, dɛn na woyɛ no?

7 Rom 11.35 Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no,

anaasɛ wo nsam dɛn na ogye?

8Onipa a ɔte sɛ wo na w’abɔnefosɛm pira no,

na wo trenee bɛma wanya mfaso.

9Nhyɛso bebrebe nti na ɛma wɔteɛm,

wosu frɛ ɔboafo, nnipa akɛse nsa ase.

10 Nnw 42.8; Aso 16.25 Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn,

me yɛfo no wɔ? Nea ɔma nnwom anadwo,

11nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sen asase so mmoa,

na ɔkyerɛ yɛn nyansa sen ɔsoro nnomaa no.

12Ɛhɔ na wɔteɛm, na ommua,

abɔnefo ahantan nti.

13 Yoh 9.31 Ampa ara, Onyankopɔn rentie ahuhusɛm,

na Otumfo remmu.

14 Hiob 23.8-9 Na menne sɛ wuse: Wunhu no de,

nanso asɛm no da n’anim,

na wotwɛn no ara.

15 Ɔsɛ 8.11 Na afei esiane sɛ ɔmmɛtwee aso, n’abufuw mu,

na onni amumɔyɛ akyi pii nti,

16Hiob bue n’ano kwa,

na nimdeɛ a onni mu, ɔma nsɛm dɔɔso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help