1 Nnw 106.1 Monna AWURADE ase, na oye,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
2O, Monna anyame mu Nyankopɔn ase,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
3O, Monna awuranom mu owura no ase,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
4Nea ne nko yɛ anwonwade akɛse,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
5Nea ɔde nhumu yɛɛ ɔsoro no,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
6Nea ɔde asase trɛw nsu so no,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
7 Gye 1.14-18 Nea ɔyɛɛ akanea akɛse,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
8Owia, sɛ enni adekyee so,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
9Ɔsram ne nsoromma, sɛ enni anadwo so,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
10 Nnw 78.51; 135.8-12 Nea ɔbobɔɔ Misraimfo, mmakan no,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
11Na oyii Israel fii wɔn mu no,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
12Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm na eyii wɔn,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
13Nea otwitwaa mmɛw po mu asinasin,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
14Na ɔde Israel faa mu,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
15Na ɔkaa Farao ne ne dɔm guu mmɛw po mu,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
16Nea ogyaa ne man sare so,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
17Nea ɔbobɔɔ ahemfo akɛse,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
18Na okunkum ahene anuonyamfo,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
19Amorifo hene Sihon,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
20Ne Basan hene Og,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
21Na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
22Ɔde yɛɛ n’akoa Israel agyapade,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
23Nea ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛase mu,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
24Na ogyee yɛn fii yɛn ahohiafo nsam,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
25 Nnw 145.15 Ɔma ɔhonam nyinaa aduan,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
26O, Monna ɔsoro Nyankopɔn ase,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
