1Sɛ wutu sa ne w’atamfo akɔko na wuhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim asase so bae no ka wo ho.
2Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfo no ntwiw mmɛkasa nkyerɛ ɔman no,
3na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfo akɔko, mommma mo koma nntutu, munnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,
4efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfo rekɔko ama mo na wagye mo.
5 Deut 16.18 Na ahwɛfo no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforo na onnuruu mu afiforo no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi ankoduru mu.
6Deut 28.30; Lew 19.24-25 Na onii ko a watɛw bobeturo na onnya nyii ano no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano.
7 Deut 24.5 Na onii ko a wagye ɔbea bi aware na onnya nhyiaa no no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi anhyia no.
8Ate 7.3 Na ahwɛfo no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a osuro na ne koma tutu no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wamma ne nuanom koma annan sɛ ne de.
9Na sɛ ahwɛfo no wie ɔman no kasakyerɛ a, wɔmfa asafohene nsisi ɔman no ti.
10 Deut 21.21-22 Sɛ wobɛn kurow bi ne no rekɔko a, ka asomdwoesɛm kyerɛ no.
11Na sɛ obua wo asomdwoe so na ohiɛ wo a, ɔman a wobehu wɔn hɔ no nyi tow mma wo nsom wo.
12Na sɛ wɔne wo anni asomdwoesɛm na wɔne wo ko a, ɛnne tua kurow no;
13Deut 31.7, 17 na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de hyɛ wo nsa a, fa nkrante kunkum emu mmarima nyinaa,
14nanso mmea ne mmofra ne afieboa ne nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa, emu asade nyinaa de, fom fa, na di w’atamfo asade a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo no.
15Saa na yɛ nkurow a ɛne wo ntam kwan ware pii a ɛnyɛ amanaman yi nkurow bi no.
16Yos 10.40 Na amanaman yi nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no mu de, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,
17Deut 7.1-2 na sɛe wɔn pasaa: Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ wo no.
18Na wɔankyerɛ mo wɔn akyide a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne.
19Sɛ wutua kurow bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe ho nnua, na ɛso aba bi na di, na ntow ngu: So afuw mu dua yɛ onipa na woatua no?
20Nanso nnua a wunim sɛ ɛnyɛ nnua a wodi no de, sɛe no na twa fa yɛ kurow a ɛne wo di ako no ho ntuaban kosi sɛ wobɛbrɛ no ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.