Sefania 3 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yerusalem mmɔborɔ asetena

1Due, atuatew kurow a wɔahura ho,

nhyɛsofo kurow.

2Wante asɛm, wannye nteɛso,

wamfa ne ho anto Awurade so,

wammɛn ne Nyankopɔn.

3 Hes 22.27 Emu mmapɔmma

yɛ agyata a wɔbobom,

n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku,

wonnyaw biribi nkosi anɔpa.

4 Mika 3.11 N’adiyifo yɛ ahohoahoafo,

nkɔnkɔnsafo ara nko,

n’asɔfo hura kronkronbea ho,

wodi mmara ho asɛmmɔne.

5Awurade a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ ne mu,

ɔrenyɛ abusude;

daa anɔpa ɔde n’atemmu ba hann mu,

onnyae da,

nanso nea ɔnteɛ nnim aniwu.

6Matwitwa amanaman agu,

wɔn abantenten atifi adannan afo,

mama wɔn mmorɔn so adeda mpan

a obiara ntwam hɔ,

wɔasɛesɛe wɔn nkurow,

a nnipa nni mu, na obiara nte mu.

7Mekae se: Suro me ara,

gye nteɛso,

na wɔrentwa ne tenabea nkyene,

nea mahyɛ wo no nyinaa ho;

nanso wotuaa ahema

sɛesɛee wɔn nneyɛe nyinaa.

8 Yoel 3.2; Nnw 79.6 Enti monhwɛ me kwan, Awurade asɛm ni,

nkosi da a mɛsɔre mabegye asade.

Na ɛyɛ m’atemmude

sɛ meboa amanaman ano

na mihyia ahenni aman,

na mahwie m’abohuru,

m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so;

na me ninkuntwe gya no mu

asase no nyinaa bɛhyew.

9Na ɛno ansa na mɛdan

ano kronkron makyerɛ amanaman,

sɛ wɔn nyinaa mmɔ Awurade din no,

na wɔnyɛ nokoro nsom no.

10 Nnw 68.31; Aso 8.27 Etiopia nsubɔnten agya nohɔ

na m’asɔrefo, me nnipa a wɔbɔɔ wɔn petee no,

fi de m’aduan ayɛyɛde abrɛ me.

11Ɛda no w’ani renwu

wo nneyɛe a wode too me mmara no

nyinaa ho bio, na emu na meyi

wɔn a wodi ahantan mu ahurusi no afi wo mu,

na worenkɔ so nkyerɛ wo ho,

me bepɔw kronkron no so.

12 Hes 6.8 Na mɛma amanehunufo

ne ahiafo aka wo mu,

na wɔde wɔn ho ato Awurade din no so.

13Israel nkae no renyɛ mfomsode,

na wɔrenka atosɛm,

na wɔrenhu nsisi tɛkrɛma wɔn anom,

na wɔn de, wɔbɛyɛn wɔn ho

na wɔabutubutuw hɔ,

na obi renyi wɔn hu.

Nkwagye so ayeyi

14 Sak 9.9 To ahurusi dwom, Sion babea,

bɔ ose, Israel,

ma w’ani nnye, na koma nyinaa nni ahurusi,

O Yerusalem babea.

15Awurade ayi w’atemmude no kɔ,

watow w’atamfo agu;

Awurade, Israel hene ne wo wɔ hɔ,

na worensuro bɔne bi bio.

16Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ:

Nsuro, Sion, mmpa abaw.

17 Yes 62.5 Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ,

ɔkofoni a ɔma nkonimdi;

ne ho bɛsan no, anigye mu,

ɔbɛyɛ wo foforo ne dɔ no mu,

ne ho bɛsɛpɛw no, ahurusi dwom mu,

18sɛ afahyɛ da.

Meyi amane afi wo so,

na woansoa ɛho ahohora.

19 Mika 4.7 Hwɛ, me ne w’ahawfo nyinaa bedi,

ɛbere no mu,

na megye asiifo no,

na matase wɔn a wɔapam wɔn no,

na mɛdan wɔn aniwu ayɛ ayeyi,

na atene asase nyinaa so.

20 Yer 29.14; Sef 2.7 Bere no mu na mede mo mɛba fie,

na ɛbere no na mɛboaboa mo ano;

na mede mo mɛyɛ din ne ayeyi,

asase so aman nyinaa mu,

bere a mede mo ahonyade mɛsan maba no,

mo aniwa behu, Awurade na ose.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help