Malaki 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE da kɛse no

1Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.

2Luka 1.78 Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,

3Mal 3.17 na mubetiatia abɔnefo so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ eyi no so, asafo Awurade na ose.

Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ

4Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no.

5 Mat 11.14; 17.11-13; Yoel 3.4 Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.

6Luka 1.17 Na ɔbɛdannan agyanom koma aba mma so, ne mma koma aba agyanom so, na mamma mamfa mmusu mammɛbɔ asase no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help