1 Nnw 32.11 Treneefo, momfa anigye nhuro AWURADE mu,
ɛsɛ wɔn a wɔteɛ no sɛ woyi no ayɛ.
2 Nnw 92.3 Momfa sanku nna AWURADE ase,
momfa sanku a ɛso hama du nto no dwom!
3 Nnw 40.3; 96.1; 98.1; Adi 5.9 Monto dwom foforo mma no,
mommɔ sanku yiye nka ɛnne ho!
4Na AWURADE asɛm teɛ,
na ne nnwuma nyinaa wɔ nokware mu.
5Ɔdɔ asɛntrenee ne atemmu,
AWURADE adɔe ahyɛ asase so ma.
6 Gye 1.6, 14 AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro,
na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.
7 Nnw 104.9 Ɔka po nsu boa ano kuw,
ɔde ebun sie nea ɛhɔ dɔ.
8Ma asase nyinaa sofo nsuro AWURADE,
wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no;
9na ɔno na ɔka a, ɛbamu,
ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ.
10AWURADE ma amanaman agyina dan hunu,
ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.
11AWURADE agyina de, egyina hɔ daa,
ne komam adwene wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa.
12 Deut 33.29 Nhyira ne nkurɔfo a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE,
ne ɔman a wapaw wɔn de ayɛ n’ankasa apɛgyade.
13AWURADE fi soro hwɛ,
ohu nnipa mma nyinaa.
14Ɔte ne tenabea na ɔhwɛ asase sotefo nyinaa.
15Ɔno na ɔnwene wɔn nyinaa koma,
ohu wɔn nnwuma nyinaa mu.
16 1 Sa 17 Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim,
ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho.
17 Nnw 20.7 Nkwagye mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu,
na wɔmfa n’ahoɔden dodow nnye onipa.
18 Nnw 34.15-17 Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wosuro no so,
ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔe so no so,
19 Nnw 34.9-10 sɛ obegye wɔn kra afi wu mu,
na wama wɔanya nkwa ɔkɔm mu.
20 Nnw 3.3 Yɛn kra twɛn AWURADE,
yɛn boafo ne yɛn kyɛm ne no.
21Na ne mu na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam,
efisɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so.
22AWURADE, ma w’adɔe ntena yɛn so,
sɛnea yɛn ani da wo so no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
