Hesekiel 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn anuonyam adiyi

1 Hes 10.15 Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.

22 Ah 24.15 Ɔsram no da a ɛto so anum, ɔhene Yehoiakin tukɔ afe a ɛto so anum mu no,

3AWURADE asɛm baa Busi ba ɔsɔfo Hesekiel nkyɛn, Kaldeafo asase so, asu Kebar ho, na ɛhɔ AWURADE nsa baa no so.

4 Hes 10; Adi 4.6-8 Na mihui, na hwɛ, ahum bi tu fi atifi fam bae, omununkum kɛse ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia na efi mfinimfini, te sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ogya no mfinimfini.

5Na emu wɔ ateasefo baanan sɛso bi, na sɛ wɔn su te ni: Wɔwɔ onipa suban;

6na wɔwowɔ anim anan anan, na wɔn mu biara wɔ ntaban anan anan;

7na wɔn anan yɛ nan turodoturodoo, na wɔn anan ase te sɛ nantwi ba nan ase, na ɛho hyerɛn sɛ kɔbere a wɔatorom ho hyɛrɛnhyɛrɛn.

8Na wɔwɔ nnipa nsa, wɔn ntaban ase, wɔn afanan, na wɔn baanan no wowɔ anim ne ntaban sɛɛ:

9Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnannan wɔn ho wɔn nantew mu, wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee.

10Na wɔn anim suban no sɛ ɛte ni: Wɔn baanan no mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwi anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ ɔkɔre anim wɔ wɔn akyi;

11na wɔn anim ne wɔn ntaban no mu apaapae soro fam; wɔn ntaban abien abien sisi anim, na abien abien katakata wɔn nipadua ho;

12Hes 1.20 na wɔn nyinaa nenam kɔ wɔn anim tee, nea honhom no rekɔ hɔ na wɔkɔ, wɔn nantew mu wɔnnannan wɔn ho.

13Na ateasefo no suban no, ne su te sɛ nnyansramma a ɛdɛw, sɛ agyatɛn; ɛno na ɛnenam ateasefo no ntam, na ogya no hyerɛn, na anyinam fi ogya no mu;

14na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam.

15Na mehwɛɛ ateasefo no, na hwɛ, nkyimii biako si asase so, ateasefo no nkyɛn mu a n’anim yɛ anan;

16nkyimii no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikabereɛbo ani, na anan no kura suban koro, na ne su ne ne yɛbea te sɛnea nkyimii biako bea biako mu;

17sɛ ɛnantew a, ɛnam n’afanan so, ɛnnan ne nantew mu;

18na ne hankare korɔn ma ɛyɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankare no ho amaama atwa anan no nyinaa ho ahyia.

19Na sɛ ateasefo no nantew a, nkyimii no nso siane wɔn, na sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a, na nkyimii no nso ama ne ho so;

20Hes 1.12 baabiara a honhom no dan kɔ no, wɔkɔ; nea honhom no rekɔ ara na nkyimii no momaa ne ho so, wɔn nkyɛn mu, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ nkyimii no mu;

21wɔnantew a, ɛnantew, na wogyina a, ɛno nso gyina, na wɔma wɔn ho so fi fam a, nkyimii no nso moma ne ho so wɔn nkyɛn mu, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ nkyimii no mu.

22 Eks 24.10 Na biribi wɔ ateasefo no atifi te sɛ ntrɛwmu a ɛte sɛ ahwehwɛbo a ɛyɛ nwonwa ani a wɔatrɛw mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.

23Na wɔn ntaban teɛ tee sisi anim, ntrɛwmu no ase, na abien abien nso katakata eyinom ne eyinom nipadua ho.

24Na wɔnantew a, mete wɔn ntaban no gyigye sɛ asu bebree nnyigyei, sɛ Otumfo no nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ dɔm nne; sɛ wogyina a, wogyaagyaa wɔn ntaban mu;

25na ɛnne fi ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so; wogyina a, wogyaagyaa wɔn ntaban mu.

26 Hes 1.22 Na ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so no te sɛ hoabo ahengua sɛso, na ahengua no sɛso so na obi a ɔte sɛ onipa sɛso te wɔ soro.

27Na mihui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya emu fam hyia, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ soro, nanso efi nea ɛte sɛ n’asen so de reba fam no, mihui na ɛte sɛ ogya, na ɛharan twa ho hyia;

28Adi 4.3 sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te.

Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help