Mmebusɛm 20 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Potwaa ne sadoi

1 ahorow, susukorow ahorow,

n’abien nyinaa yɛ AWURADE akyide.

11 Mmb 22.6 Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no,

sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.

12Aso a ɛte ne aniwa a ehu,

AWURADE na ɔyɛɛ n’abien nyinaa.

13 Mmb 6.10 Mpɛ nna, na woanni hia,

bue w’ani, na aduan bɛmee wo.

14Ɛmfra, ɛmfra! Sɛ ɔtɔfo se ne no,

na ɔdan ne ho kɔ a, na ɔhoahoa ne ho.

15Sika wɔ hɔ, na nhene pa pii wɔ hɔ,

na nimdeɛ ano yɛ adwinni a ne bo yɛ den.

16 Mmb 6.1-5; 27.13 Nea odi ɔhɔho agyinam no, fa ne ntama,

na nea odi ɔnanani akagyinam no, gye no awowa.

17 Mmb 9.17 Aduan a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ,

nanso akyiri no, mmosea yɛ n’anom ma.

18 Mmb 24.6 Wɔde agyinatu na ɛma tirimpɔw gyina,

na fa atɛmpa kyere ɔsa.

19Nea okyin di nseku no yi ahintasɛm adi,

na mfa wo ho mmɔ okurokurofo ho.

20 Eks 21.17 Nea ɔdome n’agya ne ne na no,

ne kanea bedum sum kabii mu.

21Awunnyade a wɔapere ho anya mfiase no,

akyi renwie nhyira.

22 Mmb 24.29; Rom 12.17-19 Nka sɛ:

Mɛhyɛ bɔne ananmu.

Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo.

23 Mmb 20.10 AWURADE akyide ne abrammo ahorow,

na nsisi nsenia nso nye.

24Onipa anammɔntu fi AWURADE,

na ɛbɛyɛ dɛn na onipa behu n’akwan mu?

25Ɛyɛ afiri ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron,

na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.

26 Nnw 101.8 Ɔhene nyansafo huw abɔnefo so,

na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so.

27 1 Ko 2.11 AWURADE kanea ne onipa ahome,

ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ.

28 Mmb 16.12 Adɔe ne nokware hwɛ ɔhene so,

na adɔe so na n’agua tim.

29 Mmb 16.31 Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,

na nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.

30Akuturuku a epira popa bɔne,

na ɔhwe popa yafunu mpia mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help