1 Berɛsosɛm 24 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asafokuw horow aduonu anan no

1 1 Be 23.6; 6.3 Na Aaron mma no de, wɔn mu nkyekyem ni: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar.

2Lew 10.1-2, 12 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wonni mma. Na Eleasar ne Itamar bedii asɔfo.

32 Be 8.14 Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ofi Eleasar mma mu, ne Ahimelek a ofi Itamar mma mu, sɛ wɔn adwumayɛ dibea te wɔn som no mu.

4Na wohuu Eleasar mma mu mmarima no mu atitiriw bebree sen Itamar mma mu, na wobuu wɔn mu: Eleasar mma nyaa mpanyimfi atitiriw dunsia, na Itamar, mma wɔn mpanyimfi so, awotwe.

5Na wobuu wɔn mu ntonto so, eyinom ne eyinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Onyankopɔn asafohene no fi Eleasar mma ne Itamar mma mu.

61 Be 18.16 Na Netanel ba ɔkyerɛwfo Semaia a ofi Lewifo mu no kyerɛw wɔn din, ɔhene ne mmapɔmma ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo no ne Lewifo agyanom mu atitiriw no anim, wɔtwee agya fi biako maa Eleasar ansa na wɔtwee biako nso maa Itamar.

7Na ntonto a efii kan no yɛɛ Yehoiarib de, nea ɛto so abien yɛɛ Yedaia de,

8Harim de too so abiɛsa, Seorim de, anan,

9Malkiya de, anum, Miyamin de, asia,

10Luka 1.5 Hakos de, asɔn, Abigya de, awotwe,

11Yesua de, akron, Sekania de, du,

12Eliasib de, dubiako, Yakim de, dumien,

13Hupa de, dumiɛnsa, Yesebab de, dunan,

14Bilga de, dunum, Imer de, dunsia,

15Hesir de, dunsɔn, Hapises de, dunwɔtwe,

16Petahia de, dunkron, Yeheskel de, aduonu,

17Yakin de, aduonu biako, Gamul de, aduonu abien,

18Delaia de, aduonu abiɛsa, Maasia de, aduonu anan.

19Eyi ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛ wɔn som no te, sɛ wɔnhyɛn AWURADE fi sɛ wɔn atɔremude a ɛnam wɔn agya Aaron so bae no, sɛnea AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.

Lewi mma mu atitiriw

20Na Lewi mma a aka no de: Amram mma mu: Subael. Subael mma mu: Yehdeia.

211 Be 23.17-23; 2.25 Rehabia de, Rehabia mma mu: Yisia di ti.

22Yisharfo mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat.

23Na mma ne: Yeria, Amaria di hɔ, Yahasiel to so abiɛsa, Yekameam to so anan.

24Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir.

25Mika ne nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria.

26Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma,

27Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia de: Soham ne Sakur ne Ibri.

28Mahli de: Eleasar, na ɔno de, onni mma.

29Kis de, Kis mma: Yerahmeel.

30Na Musi mma ne: Mahli ne Eder ne Yerimot. Eyinom ne Lewifo mma sɛ wɔn mpanyimfi te.

311 Be 25.8 Na eyinom nso bɔɔ ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, ɔhene Dawid ne Sadok ne Ahimelek ne asɔfo ne Lewifo agyanom atitiriw no anim, agyanom mu titiriw sɛ ne nua kumaa ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help