Mmebusɛm 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Aguamammɔ ho kɔkɔbɔ

1Me ba, tie me nyansa,

brɛ w’aso ase ma me ntease,

2na woahwɛ adwempa so,

na w’ano akora nimdeɛ.

3 Mmb 2.16-19 Na ɔbea sansani ano kyi ɛwo sosɔ,

na n’anom yɛ toro sen ngo;

4na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene,

ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu.

5N’anan sian kɔ owu mu,

asaman na n’anammɔn tutu kɔ.

6Nkwa kwan de, ɔnkɔ ara da,

n’anammɔn kyinkyin kɔ nea onnim hɔ.

7Na afei, me mma, muntie me,

na munnyi mo ho mmfi m’anom nsɛm ho.

8Ma wo kwan mfi ne ho nkɔ akyiri,

na mmɛn ne fi pon ano;

9na woamfa wo nidi amma ebinom,

ne wo mfe amma otirimmɔdenfo;

10na ahɔho anni w’ade ammee,

na w’adwumade antena obi hunu fi;

11na wo nna a edi akyiri no, woampenepene,

sɛ wo nipadua ne wo honam asa,

12na woanka se: Ao, sɛ metan nteɛso

na me koma kyii animka ni!

13Na mantie m’akyerɛkyerɛfo,

na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfo!

14Ɛkaa kumaa ma esii me bɔne koraa,

asafo ne guabɔ mu.

15Nom w’abura mu nsu

ne nsu a ɛsen fi wo nsuti mu.

16Wo nsuaniwa bebu so afi adi

ayɛ mmɔnten so asuten;

17ɛbɛyɛ wo nko dea,

na ɛnyɛ wo ne ahɔho bi dea.

18Ma w’abura nyɛ nhyira,

na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye;

19 Ɔsɛ 9.9 na ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo ne anuonyam wansan no.

Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa,

tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi.

20Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan,

na wuso ɔbea hɔho kokom?

21Na onipa akwan da AWURADE anim,

na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.

22Ɔbɔnefo amumɔyɛ so no mu,

na ne bɔne nhama kyere no.

23Ɔkwati nteɛso nti obewu,

na n’agyennyentwisɛm dodow nti ɔbɛyera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help