Yosua NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUYosua nhoma no mu nsɛm fa di a Yosua dii Israelfo anim kɔtoaa Kanaanfo ne wɔn koe. Mose wu akyi no Yosua na obedii n’ade. Nsɛm titiriw a nhoma no ka no bi ne: Asubɔnten Yordan twa, Yeriko sɛe, Ai ko, ne apam a Onyankopɔn ne Israelfo yɛe no mu denhyɛ. Asɛm a wonim no yiye koraa wɔ saa nhoma yi mu ne: Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so anyame no oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE (24.15)EMU NSƐMWodi Kanaanfo so nkunim, 1.1—12.24Asase no kyɛ, 13.1—21.45Yordan apuei fam asase 13.1-33Yordan atɔe fam asase 14.1—19.51Guankɔbea nkurow no 20.1-9Lewifo nkurow no 21.1-45Apuei fam mmusuakuw no san kɔ wɔn asase so 22.1-34Yosua nkradi no mu nsɛm 23.1-16Wɔhyɛ apam no mu den wɔ Sekem 24.1-33