Yeremia 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Atemmu no huyɛ

1Ɛbere no mu no, AWURADE asɛm ni, wɔbɛsa Yuda ahene nnompe, ne n’asafohene nnompe, ne asɔfo nnompe, ne adiyifo nnompe, ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn adamoa mu,

2Deut 4.19; Yer 14.16 na wɔahata wɔ owia ne ɔsram ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn na wodii akyi na wɔpɛɛ akyi kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina asase ani.

3Na abusua bɔne yi mu nkae a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owu asen nkwa, wɔn a ɛkae mmaa nyinaa a mituu wɔn mekɔe no, asafo AWURADE asɛm ni.

Bɔne ne asotwe

4Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni:

So wɔhwe ase a, wɔnsɔre,

anaasɛ wɔdan kɔ a, wɔnsan mma?

5Yerusalem, ɛdɛn nti na ɔman yi adan

wɔn ho a wɔnsan da?

Wokura nnaadaa kwan mu pintinn,

wɔmpɛ sɛ wɔsan ba.

6Mawɛn m’aso matie,

nso nea ɛnteɛ na wɔka;

obiara nni hɔ a onu ne ho ne bɔne ho ka sɛ:

Dɛn na mayɛ yi?

Obiara asi ne kwan so

sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.

7 Yes 1.3 Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim po

nim ne bere,

aturukuku ne asomfena ne pokupoku wɛn wɔn ba bere,

nanso me man nnim AWURADE ahyɛde.

8Ɛdɛn na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafo,

na AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ?

Mmere a, hwɛ, kyerɛwfo atoro pɛnsere

ama adan atoro.

9Anyansafo ani bewu,

wɔbɛbɔ piriw na wɔakyere wɔn.

Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapa yi,

na nyansa bɛn na wɔwɔ?

10 Yer 6.13-15; Yes 56.11 Ɛno nti mede wɔn yerenom mɛma afoforo,

na mama ahɔho afa wɔn mfuw adi;

na efi akumaa so kosi ɔkɛse so

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo,

efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so

wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.

11Na wɔsaa me man babea kuru adwenhare so sɛ:

Asomdwoe, asomdwoe!

Nso asomdwoe nni hɔ.

12So wɔn ani wuu akyide a wɔyɛe no ho?

Daabi, wɔn ani anwu koraa,

na wɔn anim nso ansiam.

Ne saa nti wɔbɛtotɔ atɔfo mu;

bere a mɛba mabɛtwe wɔn aso no,

wɔbɛhwehwe ase,

AWURADE na ose.

13Bere a mɛsesaw wɔn makɔ no, AWURADE asɛm ni,

wɔrenhu aba bi obobe ho,

anaa borɔdɔma aba bi wɔ borɔdɔma nnua so,

na ahaban mpo bɛhyew,

na nea mede mama wɔn no befi wɔn nsa.

14 Yer 9.15 Yɛda so tete hɔ yɛ dɛn?

Mommoaboa mo ho ano,

na yɛnhyɛn nkurow a ɛyɛ den mu,

na yenkowuwu wɔ hɔ,

na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owu,

na wama yɛn nsu a bɔre wɔ mu anom,

efisɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.

15 Yer 14.19 Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nso yiye bi mma,

ne ɔyaresa bere nso, na hwɛ, abotutu nko.

16Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo fi Dan;

wɔn apɔnkɔnini su nti asase no nyinaa popo;

efisɛ wɔba abedi asase ne ɛso ade nyinaa,

nkurow ne wɔn a wɔte mu.

17 Ɔsɛ 10.11 Na hwɛ, merema awɔ,

nhurutoa a ntafowayi bi ntumi wɔn

aba mo mu na wɔabɛkeka mo,

AWURADE asɛm ni.

Odiyifo no di awerɛhow

18 Yer 4.19 O, sɛ minya m’awerɛhow mu awerɛkyekye ɛ!

Me koma abotow me mu.

19Hwɛ, me man babea sufrɛ nne

fi akyirikyiri asase so:

So AWURADE nni Sion,

anaasɛ ne hene no nni mu bio?

Ɛdɛn nti na wɔde wɔn ahoni

ne amannɔne ahuhude no ahuru me bo?

20Twabere atwam, aduatew bere asa,

na yɛn de, wonnyee yɛn ɛ.

21Me man babea kuru nti mayɛ siamoo,

mayɛ kusuu, ahodwiriw akita me.

22 Yer 46.11 So aduhuam bi nni Gilead,

anaasɛ ɔyaresafo bi nni hɔ?

Na ɛdɛn nti na wonnya nsaa

me man babea no yare ɛ?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help