1 Est 5.8; 6.14 Na ɔhene ne Haman bae sɛ wɔne ɔhemmea Ester rebɛnom nsa.
2Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛto so abien no mu nso, apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ, ɔhemmea Ester, na wɔmma wo, na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.
3Ɛnna ɔhemmea Ester buae sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’ade a meresrɛ, ne me nkurɔfo sɛ m’ade a merehwehwɛ,
4na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.
5Ɛnna ɔhene Ahas-weros bua see ɔhemmea Ester sɛ: Hena ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?
6Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.
7Na ɔhene no sɔree n’abufuw no mu fii apontow no ase kɔɔ ahemfi turo no mu. Na Haman sɔre gyinae sɛ ɔrepa ɔhemmea Ester ne nkwa ho kyɛw, efisɛ wahu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.
8Na ɔhene no san fii ahemfi turo no mu baa apontow no ase, na Haman ahwe nnae a Ester wɔ so no so. Na ɔhene kae sɛ: So ɔrebɛhyɛ ɔhemmea po ne no ada wɔ m’anim, wɔ me ara me fi ha nso? Asɛm no fii ɔhene anom ara pɛ, na wɔkataa Haman ti.
9Na Harbona, mpiafo no mu biako, kae ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fi, ne tenten si basafa aduonum anum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛn no wɔ so.
10Na wɔsɛn Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuw ano dwoe.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
