Hiob 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hiob mmuae: Obi ntumi ne Otumfo nni asi

1Na Hiob gyee so sɛ:

2 Hiob 25.4 Ampa ara, minim sɛ ɛte sa,

na ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn?

3 Nnw 19.12 Sɛ obi pɛ sɛ ɔne no yiyi ano a,

ontumi mmua no apem mu biako mpo.

4Koma mu nyansafo ne tumi mu hoɔdenfo no,

hena na wasen ne kɔn wɔ ne so na asi no yiye?

5Otutu mmepɔw mpatuw mu,

obutuw no n’abufuw mu.

6Ɔwosow asase fi n’atenae,

na ne nnyinaso popo.

7Ɔhyɛ owia, na empue;

na ɔsosɔ nsoromma ano.

8 Yes 40.22 Ɔno nko na ɔtrɛw ɔsoro,

na otiatia po asorɔkye so.

9 Hiob 38.31; Amos 5.8; Yes 13.10 Ɔyɛ Nsorommasɔn, Nyɛnkrɛnte ne Akokɔtan ne ne mma

ne anafo fam mpiakyiri.

10 Hiob 5.9 Ɔyɛ ade akɛse a enni nhwehwɛm,

ne anwonwade a wontumi nkan.

11Hwɛ, otwa me ho, nso minhu no,

ɔsen, nso minhu no.

12Hwɛ, ohwim kɔ, hena na ɔbɛsan no?

Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?

13 Hiob 26.12 Onyankopɔn rensianka n’abufuw,

Rahab aboafo brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase.

14Na menne sɛ me na mebua no,

anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu,

na me ne no ayiyi.

15Ɔno na sɛ meteɛ po a, meremmua no,

mɛkotɔ no sɛ me temmufo.

16Sɛ mefrɛ na ogye me so a,

merennye minni sɛ ɔbɛyɛ aso ama me nne.

17Ɔno a ɔde ahum posa me,

na ɔma m’akuru dɔɔso kwa no,

18ɔmma minnya ahomeye,

na ɔde awerɛhow hyɛ me ma tɔ.

19 Hiob 9.33 Sɛ wodi no ɔhoɔdenfo tumi so a, anka: Mini!

Na sɛ atemmu nso a, anka: Hena na obehyia me?

20Sɛ meteɛ a, m’ano bebu me fɔ,

na midi mu a, ɔbɛma makyea.

21Me de, midi mu de,

nanso mimmu me ho;

me nkwa afono me.

22 Hiob 8.20; Ɔsɛ 9.2-3 Ne nyinaa yɛ biako;

enti na mise:

Nea odi mu ne ɔbɔnefo nyinaa na ɔsɛe wɔn.

23Sɛ mpire kum mpofirim a,

ɔsereserew wɔn a wodi bem amane.

24Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa,

ɔkata n’atemmufo ani;

sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?

25Na me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo,

eguan kɔ, enhu adepa bi.

26Ɛsen kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn,

sɛ ɔkɔre a ɔtow si aduan so.

27Sɛ mise: Me werɛ befi m’apinisi,

megyae bosooyɛ na matew m’anim po a,

28me yaw nyinaa yɛ me hu,

efisɛ mihu sɛ woremmu me bem.

29Na sɛ wobebu me fɔ a,

adɛn nti na memmrɛ ngu?

30Sɛ miguare sukyerɛma nsu

na mede gyakisi mehohoro me nsa a,

31ɛno nso wode me bɛto amoa mu,

na me ho ayɛ me ntade po nwini.

32Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no,

na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro.

33Nso ɔsentwamfo bi nni yɛn ntam a

ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu so.

34Ma onyi n’abaa mfi me so,

na ne ho hu ankita me.

35Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no,

nanso mintumi nyɛ saa, wɔ me ara me fam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help