Yeremia NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUOdiyifo Yeremia tenaa asase yi so efi mfe ahansɔn no awiei kosi mfe ahansia no mfiase, ansa na wɔwoo Yesu Kristo. Ɔyɛɛ Onyame somfo ma ɛkyɛe yiye. Ne nyinaa mu no, ɔbɔɔ Onyame mma kɔkɔ, efisɛ na ɔsɛe rebɛba ɔman no so, esiane wɔn bɔne ne abosonsom nti. Ɔtenaa wiase nyin kyɛe, maa ne nkɔmhyɛ no baa mu ne bere so. Ne bere so na Babel hene Nebukadnesar bɛsɛe Yuda ahenkurow Yerusalem na ɔsoaa Yuda hene ne ne nkurɔfo pii kɔɔ Babel. Ɔhyɛɛ nkɔm bio sɛ nnipa a wɔkɔɔ otukɔ mu wɔ Babel no bɛsan aba fie abɛkyekye ɔman no foforo.Yeremia nhoma no wɔ nkyekyɛmu ahorow: 1. Yeremia frɛ; 2. Nsɛm a Onyankopɔn de faa Odiyifo no so maa Yuda ahemfo a edidi so yi: Yosia, Yehoiakim, Yehoiakin ne Sedekia. 3. Nsɛm bi a efi Odiyifo Yeremia kyerɛwfo Baruk nhoma mu a ɛka nkɔmhyɛ ahorow, ne nsɛntitiriw bi a esisii wɔ odiyifo no abrabɔ mu no ho nsɛm. 4. Nsɛm a ɛfa amanaman a atwa Yuda ho ahyia no ho. 5. Abakɔsɛm a ɛwɔ nhoma no awiei a ɛka Yerusalem sɛe ne Babel tukɔ ho nsɛm.Odiyifo Yeremia yɛ obi a nsɛm haw no pii, na ɔdɔ ne nkurɔfo nso, enti wampɛ da, sɛ atemmu bɛba wɔn so. Ne nhoma no afa bi ka nkatede kɛse ne amanehunu ahorow a, ohui mmere a Onyankopɔn frɛɛ no sɛ Odiyifo no. Onyankopɔn asɛm no te sɛ ogya wɔ ne komam, ɛhyehye no, na ontumi mfa nsie nso.Nsɛntitiriw bi a ɛwɔ nhoma no mu no, tra Yeremia bere so ɔhaw no, na ɛka bere bi a wɔbɛyɛ Apam foforo no ho asɛm. Saa bere no Onyame nkurɔfo renhia ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔbɛkaekae wɔn bio, efisɛ wɔbɛkyerɛw nsɛm no nyinaa wɔ nnipa no komam.EMU NSƐMOdiyifo Yeremia frɛ 1.1-19Nkɔmhyɛ ahorow a ɛbae wɔ ahemfo Yosia, Yehoiakim, Yehoiakin, ne Sedekia bere so 2.1—25.38Yeremia abrabɔ mu nsɛm 26.1—45.5Nkɔmhyɛ ahorow a etia ɔman no 46.1—51.64Ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so 52.1-34