1 Yak 4.13-14 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,
na wunnim nea ɛda no de bɛba.
2 2 Ko 10.12 Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano,
ɔhɔho, na ɛnyɛ w’anofafa.
3Ɔbo yɛ duru na anwea yɛ pemee,
na ogyimifo abohuru yɛ duru sen n’abien nyinaa.
4Anibere yɛ atirimmɔden, na abufuw boro so,
na hena na obetumi agyina ninkuntwe ano?
5Animka pefee ye
sen ɔdɔ a ahintaw.
6 Nnw 141.5 Ɔdɔfo pira yɛ nokware,
na ɔtamfo mfewano yɛ nsisi.
7Ɔkra a wamee tiatia ɛwokyɛm so,
na ɔkra a ɔkɔm de no de,
nea ɛyɛ nwene biara yɛ no dɛ.
8Sɛ anomaa a ofi ne berebuw mu kyin te no,
saa ara na onipa a wayera afi ne fi te nen.
9Ngo ne aduhuam ma akomatɔyam,
na onipa adamfo mu dɛ sen ne komam agyinatu.
10 Mmb 14.20 Nnyaw w’adamfo ne w’agya adamfo,
na w’amane da no, nhyɛn wo nua fi;
wo fipamfo a ɔbɛn ye, sen onua a ɔwɔ akyiri.
11Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam,
na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.
12 Mmb 21.29; 22.3 Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw,
ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.
13 Mmb 20.16 Nea ogyina ɔhɔho akyi no, fa ne ntama,
na nea odi ɔbea sansani agyinam no, gye no awowa.
14Nea otua ahema de nne kɛse hyira ne yɔnko no,
wobebu no nnuabɔ ama no.
15 Mmb 19.13; 25.24 Asusow bere mu nsu a ɛsosɔ daa
ne ɔbea ntɔkwapɛfo sɛ:
16Nea ose ɔresianka no no te sɛ nea osianka mframa,
anaa ne nifa kita ngo.
17Dade sew dade ano,
na saa ara na onipa tew ne yɔnko ani.
18Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua no di n’aba,
na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.
19Sɛ nsu ma onipa hu n’anim no,
saa ara na onipa koma ma onipa foforo hu ne de.
20 Mmb 30.15-16; Ɔsɛ 1.8 Asaman ne ɔsɛe amoa mmee da,
na onipa aniwa nso mmee da.
21Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ,
na fononoo wɔ hɔ ma sika,
na onipa de, sɛ n’ayeyi te na wɔde hu no.
22Sɛ wode ɔwɔmma siw ogyimifo
ɔwaduru mu fra awi mu mpo a,
n’agyimisɛm remfi ne ho.
23Ohu na hu sɛnea wo nguan ho te,
na dwene wo mmoa akuwakuw no ho yiye.
24 1 Tim 6.7 Ahode ntena hɔ daa,
na abotiri nkodu awo ntoatoaso nyinaa so.
25Sɛ sare wu a, momono fifi,
na wɔboaboa mmepɔw so nhabamma ano.
26Nguanten bɛma wo adurade,
na mmirekyi yɛ asase ti ade.
27Na mmirekyi nufusu bɛdɔɔso ama w’aduan,
ne wo fifo aduan, na wo mmabaa bɛmee.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.