1 1 Be 22.5 Na ɔhene Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Me ba Solomon a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no yɛ abofra, na ɔyɛ bɔkɔɔ, na adwuma no so, efisɛ aban no nyɛ onipa de, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn de.
2Na me tumi nyinaa na mede masiesie me Nyankopɔn fi no ho sika mama sika ade, ne dwetɛ mama dwetɛ ade, ne kɔbere ade ho kɔbere, dade nso dade ne nnua ade nnua, apopobibiri abo ne nhyehyɛmu abo, abo sransran ne abo nworannworan ne aboɔden abo nyinaa ne abo fufu pii pa.
3Nanso me Nyankopɔn fi ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so.
4Sika dwetikɛse mpensa, Ofir sika ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛse mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasu no ho,
5Eks 35.5 na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nneɛma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nneɛma, na wɔmfa nyɛ adwumfo nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, ɛhena na oyi ne yam de n’ayɛyɛde ma AWURADE nnɛ?
6Ɛnna mpanyimfi mmapɔmma ne Israel mmusuakuw mmapɔmma ne mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfo no yii wɔn yam maa bi;
7wɔmaa Onyankopɔn fi som no ho sika dwetikɛse mpemnum ne sika darik ɔpedu ne dwetɛ dwetikɛse ɔpedu ne kɔbere dwetikɛse ɔpedunwɔtwe ne dade dwetikɛse ɔpeha.
8Eks 35.27 Na wɔn a wohuu wɔn hɔ abo no de maa AWURADE fi akorade no de hyɛɛ Gersonni Yehiel nsa.
Dawid aseda mpaebɔ9Na ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na ɔhene Dawid nso ani gyee anigye kɛse.
10Na Dawid hyiraa AWURADE, bagua no nyinaa anim, na Dawid kae sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.
11Adi 4.11; 5.13 Wo AWURADE na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nkunimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahenni wɔ wo, na wo na wokorɔn wɔ ade nyinaa so.
122 Be 20.6 Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.
13Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.
14Na hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.
15Nnw 39.12; Heb 11.13; Hiob 14.2 Na ahɔho ne amamfrafo ne yɛn w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsuma asase so, na anidaso bi nni hɔ.
16AWURADE yɛn Nyankopɔn, adekuw yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebesi ofi ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na efi, na wo na ne nyinaa wɔ wo.
171 Be 28.9 Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.
18AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa eyi sie wo man koma mu adwene mu nsusuwii mu kosi daa, na siesie wɔn koma bra wo fam.
19Na me ba Solomon nso, ma no koma a edi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanse ne w’ahyɛde, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnto aban a masiesie ho no.
Wɔsra Solomon20Na Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Munhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na bagua no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkotow sɔree AWURADE ne ɔhene.
21Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔre, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE, da no adekyee, anantwinini apem, adwennini apem, nguan mma apem, ne wɔn ho ahwiesa, ne afɔre pii pa maa Israel nyinaa.
221 Be 23.1 Na wɔde anigye kɛse didi nomee, AWURADE anim da no.
Na wosii Dawid ba Solomon hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, ne Sadok nso sɛ ɔsɔfo.
231 Be 28.5; 1 Ah 1.35, 39 Na Solomon tenaa AWURADE agua so dii n’agya Dawid ade, na ɔfɔefɔee, na Israel nyinaa tiee no.
24Na mmapɔmma no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa ne ɔhene Dawid mma no nyinaa nso de wɔn ho hyɛɛ ɔhene Solomon ase.
252 Be 1.1 Na AWURADE maa Solomon soe kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahenni mu anuonyam a ahene a wodii Israel so dii n’anim no biara nnyaa bi da.
Dawid wu26Sɛɛ na Yese ba Dawid dii Israel nyinaa so hene.
271 Ah 2.11 Na nna a ɔde dii Israel so no si mfirihyia aduanan. Odii hene mfe ason Hebron, na Yerusalem de, odii mfe aduasa abiɛsa.
28Na owui onyin pa mu a nna ne ade dodow ne anuonyam amee no. Na ne ba Solomon bedii n’ade.
291 Be 21.9 Na ɔhene Dawid nsɛm a edi kan ne nea edi akyiri no, hwɛ, wɔakyerɛw ɔdehufo Samuel nsɛm ne odiyifo Natan nsɛm ne ɔdehwɛfo Gad nsɛm mu;
30eyinom da n’ahenni ne ne mmaninyɛ nyinaa ne nea esii ne mmere so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho ne aman ahenni nyinaa no ho adi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.