Hiob 21 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hiob mmuae

1Na Hiob gyee so sɛ:

2Otie na muntie me kasa,

na eyi nyɛ mo awerɛkyekye.

3Munnyaa me mma me nso menkasa,

na mekasa miwie a, afei moadi fɛw.

4So me de, onipa na midi abooboo mekyerɛ no?

Na adɛn nti na me home rentew me?

5Monnan mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo,

na momfa mo nsa ntuatua mo ano.

6Sɛ mekae a, mebɔ piriw,

na nketenkete kita me honam.

7 Nnw 37; 73; Yer 12.1 Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa?

Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso?

8Wɔn mma tintim wɔn anim pintinn ka wɔn ho,

yiw, mekyerɛ wɔn asefo no.

9Wɔn afi mu dwo, ehu bi nni mu,

na Onyankopɔn nteɛso bi nni wɔn so.

10Wɔn nantwinini wowo, na ɔhaw bi mma ho,

wɔn anantwibere nya awoye, na wɔmpɔn.

11Woyi wɔn ntɔtɔfifiwa adi sɛ nguankuw,

na wɔn mmotafowa nso huruhuruw.

12Wɔn nne di akyeneka ne sankubɔ mu,

na wɔn ani gye abɛnhyɛn ho.

13Wɔhwere wɔn nna nnepa mu,

na wosian kɔ asaman afrɛso.

14 Hiob 22.17 Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so,

na yɛmpɛ sɛ yɛhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ.

15Dɛn ne Otumfo no a yɛnsom no,

na sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yebenya?

16 Hiob 22.18 Nanso, Hwɛ! Ɛnyɛ wɔn ara nsam na wɔn nnepa wɔ,

abɔnefo agyinatu mpare me!

17 Hiob 18.5, 12 Mpɛn ahe na abɔnefo kanea dum,

na wɔn abu nso bu wɔn,

na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhow n’abufuw mu?

18 Nnw 1.4 Wɔte sɛ sakran, mframa ano,

ne ntɛtɛwa a ahum soa kɔ.

19 Hiob 20.10; Eks 20.5 Moka sɛ: Onyankopɔn kora wɔn amumɔyɛ so de ma wɔn mma;

ma ontua wɔn ka na wonhu.

20Ma wɔn aniwa nhu wɔn mmusu,

na wonhu Otumfo no abufuhyew no bi.

21Na ofi a wogyaw wɔn akyi no mfa wɔn ho hwee bio,

bere a wɔn asram dodow to atwa no.

22 Ɔsɛ 5.8 So obi bɛkyerɛ Onyankopɔn nhumu?

Ɔno a obu ɔsorofo no atɛn no.

23Obi wɔ n’ahoɔden pintinn nso owu,

bere a ne ho tɔ no na n’asom dwo no;

24Nufusu ahyɛ ne nhina amaama,

na ne nnompe mu hon yɛ bɛtɛɛ no.

25Na ɔfoforo nso, de ne kra awerɛhow wu

a wanni nnepa no bi.

26 Hiob 3.13-19 Faako ara, dɔte mu na wɔdedae,

na mmoawa kata wɔn so.

27Hwɛ, minim mo adwene

ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no,

28sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fi wɔ?

Na ɛhe na ntamadan a abɔnefo tenaa mu no wɔ?

29So mummisaa wɔn a wɔfa ɔkwan no so,

na wɔn nsɛnkyerɛnne nso, monkarii?

30Na wɔakora nnipa bɔne so de kosi ɔsɛe da,

wɔde wɔn kɔ aweredi da.

31Hena na ɔbɛka wɔn ani, n'abrabɔ ho?

Na nea wɔayɛ no, hena na obetua wɔn so ka?

32Na ɔno de, wokɔgya no damoa mu,

na wɔwɛn wɔn damoa so ara.

33Obon mu dɔtetɔw yɛ wɔn dɛ,

na nnipa dodow di akyi,

na n'anim nso wonnim wɔn dodow.

34Na adɛn na mokyekye me werɛ kwa,

na mo mmuae yɛ nkontompo ara yi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help