1Nhyira ne obiara a osuro AWURADE,
na ɔfa n’akwan so.
2Na wubedi wo nsa ano adwuma,
nhyira ne wo, na ebesi wo yiye.
3 Nnw 127.3 Wo yere bɛyɛ sɛ obobe a ɛsow, wo fi mpia mu,
wo mma bɛyɛ sɛ ngodua a afifi
na wɔatetɛw atwa wo pon ho ahyia.
4Hwɛ, sɛ wohyira onipa
a osuro AWURADE ni.
5AWURADE mfi Sion nhyira wo,
na hu Yerusalem yiyedi wo nkwa nna nyinaa,
6 Nnw 125.5 Yiw na hu wo mma mma.
Asomdwoe mmra Israel so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
