1Wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase,
ma Israel nka ɛ,
2wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase,
nanso wɔantumi me.
3 Yes 50.6; 51.23 Fɛntɛmfo afɛntɛm m’akyi,
wɔama wɔn aka ayɛ atenten.
4AWURADE teɛ,
watwitwa abɔnefo hama mu.
5Ma wɔn a wɔtan Sion
nyinaa ani nwu,
na wɔnsan wɔn akyi.
6Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wura
a ennya mfifii no na ɛhyew,
7ɛnhyɛ otwitwafo nsa ma
anaa ɔkyekyefo basa mu ma,
8 Rut 2.4 na wɔn a wotwam mpo nka sɛ:
AWURADE nhyira mmra mo so,
yehyira mo AWURADE din mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
