2 Yohane NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUYohane nhoma a ɛto so abien no, ɔpanyin bi na ɔkyerɛwee. Ɔde kɔmaa Awuraa dɔfo bi ne ne mma. Eyi betumi akyerɛ sɛ ɛyɛ asɔre bi ne emufo. Nhoma no mu nsɛm tiaa ara ne ɔsrɛ a ɔkyerɛwfo no srɛ sɛ anuanom nnodɔ wɔn ho na wɔnhwɛ yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo no kyerɛ ho.EMU NSƐMNhoma no mfiase 1-3Ɔdɔ nyɛ ade a edi kan 4-6Kɔkɔbɔ a etia atoro kyerɛkyerɛ 7-11Nhoma no awiei 12-13