Hesekiel 7 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Israel asase ni:

Awiei no, awiei aba

na ɛreba asase no ntwea anan so.

3Afei awiei reba wo so,

na mɛsoma m’abufuw aba wo so,

na mabu wo w’akwan so atɛn,

na mede w’akyide nyinaa aba wo so.

4Na m’aniwa renkyɛe wo so, na merenhu mmɔbɔ,

na w’akwan na mɛma aba wo so,

na w’akyide atena wo mu,

na moahu sɛ mene AWURADE.

5Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Adebɔne, adebɔne biako bi, hwɛ, ɛreba!

6Awie no reba, awie no reba,

awiei no reba wo so, hwɛ, ɛreba!

7 Yoel 1.15 Asase no sotefo,

nea wɔanyɛ no reba wo so;

ɛbere no aba, ɛda no abɛn,

hooyɛ, na ɛnyɛ mmepɔw so anigye huro.

8Afei ɛrenkyɛ na mehwie m’abufuhyew agu wo so,

na mede m’abufuw aba wo so,

na mabu w’akwan no atɛn,

na mede w’akyide nyinaa agu wo so.

9Na m’aniwa renkyɛe wo so, na merenhu mmɔbɔ;

w’akwan so ade na mede mɛma wo,

na w’akyide atena wo mu.

Na moahu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.

10 Yes 10.5 Hwɛ, ɛda no ni, hwɛ, ɛreba;

nea wɔahyɛ no refifi,

abaa no fefɛw, ahantan no ahanhan;

11Anuɔden asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa,

wɔn ne wɔn asafo yuu

ne wɔn ahonyade mu hwee renka,

na yiye bi nni wɔn mu.

12Ɛbere no aba, ɛda no redu;

mma ɔdetɔfo ani nnnye,

na ɔdetɔnfo nnni nkɔmmɔ,

na abufuhyew no aba n’asafo yuu nyinaa so.

13 Lew 27.24 Na ɔdetɔnfo, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensan mma nea watɔn no ho, na adehu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensan, na obiara remfa n’amumɔyɛ nhyɛ ne nkwa mu den.

14Wɔhyɛn torobɛnto na wosiesie ade nyinaa de,

nanso nea ɔkɔ ɔsa nni hɔ;

na m’anibere ba n’asafo yuu nyinaa so.

15Nkrante wɔ mfikyiri, na owuyare ne ɔkɔm wɔ ofie;

nea ɔwɔ wuram bewu nkrante ano,

na nea ɔwɔ kurow mu no, ɔkɔm ne owuyare bekum no.

16Na wɔn mu aguanfo fi mu a,

wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔw so,

na wɔn nyinaa ayɛ sɛ

abon mu mmorɔnoma a wosisi apini, obiara n’amumɔyɛ ho.

17Nsa nyinaa mu gugow,

na anankoroma nyinaa ayɛ sɛ nsu.

18 Yes 15.2; Yer 48.37 Na wobefurafura ayitam,

na awɔse gu wɔn so;

na aniwu wɔ ani nyinaa mu,

na wɔn nyinaa ti bɛpa.

19 Mmb 11.4; Sef 1.18 Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so,

na wɔn sika adan efi;

Wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn. AWURADE anibere da no, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamde mama, efisɛ ɛyɛɛ wɔn amumɔyɛ ho hintidua;

20na n’ahokekade fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyide mfonini, wɔn atantanne no, ɛno nti na mɛma adan wɔn fi,

21na mede mɛhyɛ ananafo nsa, na wɔafom,

ne asase so abɔnefo nsa,

na ayɛ wɔn asade, na wɔahura ho.

22Na mɛdan m’ani afi wɔn so,

na wɔahura m’akorade ho,

na adwowtwafo bɛhyɛn mu ahura ho.

23Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn no:

Na mogya ho atemmu ayɛ asase no ma,

na atirimmɔden ahyɛ kurow no ma;

24enti mede amanaman nnipa bɔne mɛba,

na wɔabɛfa wɔn afi adi,

na metwa ahoɔdenfo ahantan to

ma wɔagu wɔn akronkronne ho fi.

25Ɔsɛe reba; na wɔhwehwɛ asomdwoe,

nso ebi nni hɔ.

26Abu pae abu so,

akwansosɛm pae akwansosɛm so;

na wɔhwehwɛ odiyifo hɔ adehu,

na mmara bɔ ɔsɔfo,

na afotu bɔ mpanyimfo.

27Ɔhene di nkɔmmɔ,

na ɔbirɛmpɔn ho adwiriw no,

na asase no so nnipa abasam atu.

Wɔn akwan so ade na mɛyɛ wɔn,

na wɔn atemmude na mede mebu wɔn atɛn,

na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help