Deuteronomium 16 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Afahyɛ horow no ho mmara

1 Eks 23.14-17; 34.18-24; Lew 23 Hwɛ ɔsram Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo fii Misraim anadwo.

2Enti kum Twam afɔre no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nguan ne anantwi, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena hɔ no.

3Nni mmɔkaw nka ho; nnansɔn na di apiti, amanehunu abodoo, efisɛ ɔhare so na wufii Misraim asase so, na woakae wo Misraim asase so fi da no, wo nkwa nna nyinaa.

4Na mma wonnhu mmɔkaw wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnansɔn; nso mma nam a wokum da a edi kan anwummere no bi nnka nnkosi adekyee.

5Nkum Twam no wɔ nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no mu biara mu,

6gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no, ɛhɔ na kum Twam no anwummere a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fi bere no mu;

7na ma ɛmmen na di wɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na ade kye a, woasan akɔ wo ntamadan mu.

8Nnansia na di apiti, na da a ɛto so ason no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara.

9Adapɛn ason na kan fa; da a wɔrefi ase de kantankrankyi ahyɛ awi mu no na fi kan adapɛn asɔn;

10na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamye afɔre sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo no;

11Deut 16.16; Eks 20.24 na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no.

12Deut 5.15 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛde yi.

13Di asese nnapɔnna nnansɔn, bere a woaboaboa w’awiporowbea ne wo nsa-kyi-amoa mu ade ano no;

14Deut 16.11; 26.11 na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo nkurow mu.

15Nnansɔn na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a AWURADE ayi hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.

16Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, AWURADE anim;

17obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.

Atemmufo ne atemmu ho asɛm

18 Deut 20.8-9; Deut 11.16 Sisi wo so atemmufo ne mpanyimfo, wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ wo mmusuakuw te no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no.

19Deut 1.17 Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adammude; na ademmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw.

20Asɛntrenee, asɛntrenee akyi na di, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no.

21 Deut 7.5 Ntɛw nnua biara mfa nyɛ Asera nnua wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka a worebesi no ho;

22Lew 26.1 na mfa ɔbo dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyide ne no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help