Luka 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asuafo no frɛ(Mateo 4.18-22; Marko 1.16-20)

1Na ɛbae sɛ nkurɔfokuw no kyeree no so sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm no, na ogyina Genesaret tare no ho;

2na ohuu akorow abien sɛ esisi ɔtare no ho, na apofofo no afi mu kɔhoro wɔn asawu.

3Na ɔkɔɔ ɔkorow no biako a ɛyɛ Simon dea no mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfi fam kakra. Na ɔtenaa ase no, ofi ɔkorow no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no.

4Mmuadadi ho asɛm(Mateo 9.14-17; Marko 2.18-22)

33Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo taa di mmuada na wɔbɔ mpae, na Farisifo asuafo nso yɛ saa ara, na wo asuafo de, wodidi na wɔnom!

34Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mubetumi ama ayeforo asefo no adi mmuada, bere a ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi?

35Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wobedi mmuada.

36Na obuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntama foforo sin ntare ntama dedaw mu; ɔyɛ saa a, foforo no betu, efisɛ nea otwa fii foforo no mu no ne dedaw no nsɛ.

37Na obi mfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nsa foforo no bɛma nkotoku no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotoku no asɛesɛe.

38Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.

39Nso obi nnom nsa dedaw nhwehwɛ foforo, na mmom ɔka sɛ: Dedaw no na eye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help