Ester 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔma Mordekai so

1Da no ara na ɔhene Ahas-weros de Haman, Yudafo tamfo no, fi maa ɔhemmea Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, efisɛ Ester aka sɛnea ɔne no ntam te no.

2 no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.

10Na ɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene pɛtea sɔw ano, na ɔde nhoma no somasomaa ammirikatufo a wɔtete apɔnkɔ so ne mfurumpɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mma so.

11Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade,

12da koro, ɔhene Ahas-weros nsase no nyinaa so, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar no da a ɛto so dumiɛnsa.

13Nkyerɛwee no nsusuwso a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa so no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafo no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wonni wɔn atamfo were.

14Ammirikatufo a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no so no nam ɔhene asɛm so fi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susan aban mu.

15Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.

16Na Yudafo no nyaa nkɔso, anigye, ahosɛpɛw ne nidi.

17Eks 15.14-16 Na asase biara asase ne kurow biara kurow a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu so no, anigye ne ahosɛpɛw baa hɔ maa Yudafo no, apontow ne dapadi. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree dannan wɔn ho Yudafo, efisɛ na Yudafo no ho hu aka wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help