Hiob 29 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hiob kyerɛ n’ahotɔ a atwam

1Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:

2O, sɛ anka mɛyɛ sɛ mete kan asram no,

sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no ɛ!

3 Nnw 18.28 Bere a ne kanea hyerɛn m’atifi,

na mede ne hann menantew sum mu no!

4 Nnw 25.14 Sɛnea na mete me twabere nna mu,

bere a Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no;

5bere a Otumfo ne me da so wɔ hɔ,

na me mmofra nso atwa me ho ahyia,

6bere a me nan ho fɔwee nufusu mu srade mu,

na abotan maa ngo asubɔnten sen me hɔ no.

7Mifi adi mekɔ kurow pon ano,

na mede m’agua misi mprae so a,

8mmerante hu me, na wohintaw,

na nkwakoraa sɔre gyinagyina.

9Mmapɔmma gyae kasa,

na wɔde wɔn nsa butuw wɔn ano.

10Mmakoma nne taa dinn,

na wɔn tɛkrɛma fam wɔn dodom.

11Na aso te a, ehyira me,

na aniwa hu me a, edi me adanse.

12 Lew 19.18; Eks 22.22 Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osu frɛ ɔboafo,

ne ayisaa a onni boafo.

13Nea ɔyɛ ayera no nhyira ba me so,

na mema ɔbea kunafo nya abotɔyam.

14Mifura trenee na efura me,

m’atemmusɛm te sɛ atade yuu ne abotiri:

15Meyɛɛ aniwa maa onifuraefo,

ne nan nso maa apakye;

16 Hiob 31.18 meyɛɛ agya maa ahiafo,

na nea minnim no mpo asɛm, mehwehwɛɛ mu maa no;

17 Nnw 58.6 na mibubuu omumɔyɛfo sebɔmmɔfo,

na mihwim afow ade mifii ne se mu.

18Na mekae sɛ: Me berebuw ara mu na megyaa mu,

na mama me nna adɔɔso sɛ nwea;

19me ntini mu bebue ama nsu,

na obosu nso atena mman so.

20M’anuonyam yɛ foforo ma me,

na me ta anya denyɛ foforo me nsam.

21Me na wotie me na wɔtwɛn me,

na wɔyɛ komm tie m’afotu;

22me kasa akyi wɔnsan nkasa bio,

na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:

23Na wɔtwɛn me sɛ wɔtwɛn osutɔ,

na wɔtɛɛ wɔn anom sɛnea wɔde regye adonsu.

24Meserew mekyerɛ wɔn a anidaso abɔ wɔn,

na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase.

25Mepaw wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitiriw,

na metenaa hɔ sɛ ɔhene asafo mu,

sɛ nea ɔkyekye abooboodifo werɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help