Nnwom 149 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Sion, yi AWURADE ayɛ!

1 Nnw 96.1 Munyi AWURADE ayɛ!

Monto dwom foforo mma AWURADE,

monka n’ayeyi, ahotefo asafo mu.

2 Nnw 100.3; 93.1 Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho,

ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi.

3Ma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ,

ma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no.

4Na AWURADE ani sɔ ne man,

ɔde nkwagye hyehyɛ ahobrɛasefo.

5Ahotefo hyehye wɔn ho anuonyam mu,

wɔto ahosan dwom, wɔn nnae so.

6Onyankopɔn ayeyi a ɛso wɔ wɔn anom,

na nkrante anofanu hyɛ wɔn nsam,

7sɛ wobedi amanaman mu were,

na wɔatwe aman aso;

8sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyere wɔn ahene,

na wɔde dade mpokyerɛ agu wɔn atitiriw;

9sɛ wɔde atɛn a wɔakyerɛw no bebu wɔn:

Eyi yɛ n’ahotefo nyinaa anuonyam.

Munyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help